Nnyinasoɔ Mmoano (Summary) Saa adesua yi mu no, Onua Paul kyerɛkyerɛ asɛmti titire a ɛfa "Mmuadadiɛ a Ɛsɔ Awurade Ani" ho kɔ akyiri. Ɔkyerɛ mu pefee sɛ mmuadadiɛ anaa akɔmkyene nyɛ mmra anaa ahyɛdeɛ kɛseɛ bi a ɛwɔ Kyerɛwsɛm no mu sɛ woanyɛ a Onyankopɔn rentie wo mpaebɔ, gye afahyɛ baako pɛ a yɛfrɛ no Day of Atonement (Mpata Da) a Israelfoɔ hyiaeɛ yɛeɛ. Ɔbue adwene fa sɛnea Phariseefoɔ ne Jewfoɔ atwerɛfoɔ de nnipa amammerɛ ne mmra akeka Nyame asɛm ho, te sɛ nsamuhosuo ansa na wɔadidi, awi a wɔbubuu Homeda, ne mmuadadiɛ mprɛnu dapɛn biara. Ɔsan de nhwɛsoɔ to dwa fa nnɛ Kristosom mu nnoɔma te sɛ Buronya (Christmas), Easter, ne Ash Wednesday ho sɛ ɛnyɛ ahyɛdeɛ a Kristo de toɔ hɔ, na mmom Awurade Adidie (Lord's Supper) nkutoo na ɔhyɛeɛ sɛ yɛmfa nkae no. Afei nso, ɔfa Matthew 6, Mark 2, ne Matthew 17:21 nhwehwɛmu so kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛde ntoma mono tɛ ntoma dada mu, na mmom yɛhu mmuadadiɛ sɛ akwanya a yɛfa so gyina Nyankopɔn anim kokwam a nyaatwom nnim. (00:00) - Akwaaba ne Mfitiaseɛ Nkyerɛkyerɛ (Introduction & Greetings) (00:36) - Mmuadadiɛ Ho Adesua Mfitiaseɛ ne Day of Atonement (Mpata Da) (01:31) - Nnipa Amammerɛ ne Nyankopɔn Mmra Ntam Nsonsonoeɛ (02:40) - Mfatoho Enum: Mmra a Jewfoɔ ne Phariseefoɔ De Kaa Ho (04:09) - Ɛnnɛ Kristosom Mu Amammerɛ (Christmas, Easter, ne Ash Wednesday) (04:47) - Yesu ne Paul Kyerɛkyerɛ Wɔ Awurade Adidie (Lord's Supper) Ho (06:04) - Mmuadadiɛ Ankasa Kwan Pa wɔ Matthew Ti 6 (Kokwam Nyamesom) (07:11) - Asuafoɔ no Mmuadadiɛ ne Ayeforɔkunu Mfatoho (Mark Ti 2) (08:00) - Ntoma Mono ne Nsankotokuo Dada Mfatoho Wɔ Apam Foforɔ Mu (08:58) - Matthew 17:21 ne Mark 9:29 Nhwehwɛmu (Twi Baebolo ne Manuscripts Nkyerɛaseɛ) (10:14) - Awieeɛ, Nsɛmmisa Ma Ɔfã a Ɛtɔ So Mmiɛnsa, ne Nsatoɔ
Audio and video play straight from the show's own hosting. PodSubs stores and serves no media.
Transcript
From the show. Tap a time to play from there.
Enuanom adɔfoɔ, mo nyinaa aba bio, me nua Paul. Ɛnɛ m'asane aba mo nkyɛn. Onyankopɔn nhyira wo, sɛ dɔfoɔ, ɛberɛ nyinaa wo hu me video a wode mmirika sɛ wobɛhwɛ. Anaasɛ mpo, wohwɛ wie a na wonso wo pass ama wo nua bi. Nyame nhyira wo sɛ woreyɛ saa. Saa video yi a worehwɛ yi, wobɛhu bi ɛwɔ YouTube, wobɛhu bi nso ɛwɔ Facebook. Afei nso TikTok nso, seisei no yɛde bi ato so. Ɛna afei yɛwɔ radio bi ɛwɔ online a yɛfrɛ no truth.fm.
Wobɛsɛ wotie no, ɛyɛ radio. Na mmom ɛnyɛ video a. Wopɛ sɛ wotie only the audio no a, wobɛtumi adownloadi truth.fm. Saa FM yi ɛbase wɔ America. Afei nso, wokɔ Spotify a, me videos a mayɛ no nyinaa they are in audio form ɛwɔ Spotify. Wobɛtumi nso ahwɛ. Ɛdeɛn ɛnɛ awie me wɔ de brɛ mo? Me nua Paul, me ho yɛ paa. Sɛ wohu sɛ yɛto nnwom yi a, na ɛkyerɛ sɛ anigyeɛ wɔ hɔ.
Adesua a yɛresua afa mmuadadiɛ ho no, me nsa dɔfoɔ ebia wonyaa yɛdikan no a ɛyɛ part 1 no ahwɛ. But wonyaa anhwɛ yɛ a, m'ada wo mpa wotie wei wie a, hwehwɛ no nso akyire kwan na hwɛ. Na mpo wohwɛ sɛ ɛho abanfa so ama wo a, wonso fa kɔma wo nua bi. Yɛse akɔmkyene ɛne mmuadadiɛ anaasɛ fasting. Brɔfo kasa no ɔse: Fasting that pleases the Lord. Mmuadadiɛ a ɛsɔ Awurade ani. Ɛno na me ne wo mmienu no yɛgu so a yɛrekyerɛ.
Na yɛasua afiri video a ɛdikan no mu no sɛ: fasting ɛnyɛ adeɛ bi a na ɛyɛ ahyɛdeɛ mma mpo Jewfoɔ a na ɛdikan no. Na mmom na wɔwɔ afahyɛ bi a wɔdi a wɔfrɛ no sɛ Day of Atonement. Saa Day of Atonement no afiri ɛda no, ɛno mu na Onyankopɔn hyɛɛ wɔn sɛ: sɛ saa da no duruu a, saa afahyɛ no duru na wɔreyɛ a, wɔnhyɛ wɔn nipadua no anoyaa, ɛnteetee nipadua no.
Kyerɛ sɛ wonni adeɛ, wonnom nsuo, sɛbe, wokɛne koraa wontumi ne no nna. Adeɛ a ɛyɛ anigyeɛ anaasɛ biribi a ɛde nipadua no pɛ no, twe wo ho firi ho. Saa afahyɛ yi na ɛyɛ afahyɛ a wɔyɛ de srɛ wɔn mmɔbɔbrɔhunu. Ɛno nti ɛduru hɔnom a, na ɛyɛ mmra kɛseɛ sɛ wobɛyɛ. Sɛ wanteetee nipadua no anaasɛ you don't, you know, go off that food or anything that, you know, give pleasure, ɛmma nipadua no anigyeɛ a, Nyankopɔn se: mɛtwa saa nipa koro no afiri me man mu.
Nti ɛyɛ mmra a wɔde asodie too ho. Na ɛno akyiri no, na enni baabiara a ɛkyerɛ sɛ yɛfasti na woanyɛ fasti a Nyankopɔn ontie wo mpaebɔ. Deɛ ɛwɔ hɔ yɛ ne sɛ, apart from Jewish laws given to them by Israel no, the people had their own ceremonial laws and traditional laws that were made to appear as if they were God's laws. Sɛ mmra no a Onyankopɔn de maa Israelfoɔ no, ɛyɛ mmransɛm du no a ɔbaa bɛhunu mma wɔn no. Ebi wɔ hɔ a Israelfoɔ no ara de wɔn ara ankasa mmra akeka ho.
Na mmra no bi wɔ hɔnom a, na ɛyɛ wɔn ara ankasa Phariseefoɔ ne atwerɛfoɔ no na ɛde aka ho ayɛ ama ɔman no. Ɛna wɔma ɛyɛɛ no sɛ ɛyɛ Nyankopɔn mmra sɛ wobɛkaeɛ a. Awurade Yesu kaa sɛ: mo atetesɛm ne mo tradition nti, mo sɛe Onyankopɔn asɛm. Asɛm sɛ deɛ ɛwɔ Nyankopɔn asɛm mu no, ɛna wɔn nso ahyehyɛ hyehyɛpɛ bi aka ho. Na wodeɛ yɛresua koraa wobɛhu. Adeɛ a yɛresua no ɛyɛ fasting. Na deɛ nti a mereka sei ne sɛ: wɔn ma fasting no bɛyɛɛ sɛ deɛ ɛyɛ Awurade mmra, woanyɛ a w'ato mmra.
Ɛno nti na mekyerɛ sɛ, mmra bi wɔ hɔ a Onyankopɔn de maa Israelfoɔ no a yɛn nyinaa yenim wɔ Sinai bepɔ so. Na mmom Israelfoɔ no nso de biribi bɛkeka ho. Ebi nso wɔ hɔnom a, na ɛyɛ wɔn tradition, Nyame prensoma wɔn, ɛma wɔn yɛɛ, ɛnyɛ Nyame na ɛde maa wɔn. Pɛ na akwan wohu sɛ, ɔman biara, kuro biara, abusua biara ɛwɔ n'amammerɛ ɛne n'asɛnnɔasɛdeɛ. Saa nnoɔma no na Jewfoɔ no nso wɔ bi. Ɛnyɛ Nyankopɔn na ɛkaa sɛ wɔn nnyɛ pɔtee, nanso Nyame prensoma wɔn.
Example, ebi ne saa aware dodow a na wɔn aware no. Wohu sɛ Bible mu baabiara nni hɔnom a yɛtee sɛ Nyankopɔn kaa saa da no sɛ ware mmienu anaasɛ ware mmiɛnsa. Nanso no, sɛ yɛba apam foforɔ no mu a, berɛ a Nyankopɔn baa honam mu sɛ Awurade Yesu Kristo no. Awurade Yesu berɛ a wɔde awaresɛm kɔtoo n'anim no, Awurade Yesu kyerɛɛ wɔn sɛ: wɔse: na adɛn nti na Mose maa ho kwan sɛ yɛtumi ware na yegyae yere no wɔ biribiara nti? Awurade Yesu sɛ: hwɛ, mo mmasuo nti na mo yɛ saa o. Na ahyɛaseɛ no, fiti aseɛ no a Nyankopɔn bɔɔ soro ne asaase no, na ɛnyɛ saa na ɛteɛ.
Which means sɛ, Nyankopɔn ankasa Kristo Yesu nim sɛ ɛyɛ ɔman no ara na ɛyɛɛ saa, na ɛnyɛ adeɛ a Nyame na ɛkyerɛɛ wɔn sɛ ɔbɔɔ Adam na ɔyɛɛ mmaa mmienu maa Adam, anaasɛ wɔyɛɛ wɔn ara ankasa. Nnoɔma bi wɔ hɔnom a nipa na ɛde bɛkekaa ho, ɛna Nyankopɔn nso yɛɛ dinn wɔ ho. Seisei woankasa, wowɔ w'amammerɛ ne w'amanneɛ a woyɛ, ɛna Kristosom nso ɛda hɔ na woreyɛ. Sɛ w'anhwɛ yie na woma w'amammerɛ ne w'amanneɛ no kɔkata Kristosom so a, ɛhɔ na mfomsoɔ no yɛ dɛn, ɛba. Nnoɔma bebree wɔ hɔnom a nipa reyɛ wɔ Nyamesom mu na ɛyɛ wɔnom tradition, human tradition.
Nipa amammerɛ na ɛde abɛwura Kristosom mu, ɛno na ɛyɛ a na ɛha adwene. W'ate aseɛ? Na ebi ne deɛ Jewfoɔ yi reyɛ yi sɛ wɔde wɔn ara ankasa amammerɛ rebɛwura Kristosom mu. Na amammerɛ biara a wɔde bɛwura Jewfoɔ som mu no, na amammerɛ biara a wɔde bɛwura mu no, ebi ne yie. Memma wo mfatoho bɛyɛ enum pɛ. Deɛ ɛdikan ne sɛ: hand washing before eating. Sɛ wɔn anhohoro, wonhohoro wo nsa na wobɛdidi a, na wɔn no to them no ɛyɛ bɔne sɛ wobɛdidi na woanhohoro wo nsa. Wokenkan Mark ti 7 nkyekyɛm 1 kɔpem 3 no, ɛhɔ Awurade Yesu wɔbɔɔ no soboɔ:
Sɛ adɛn nti na wo ne w'asuafoɔ no morebɛdidi a monhohoro mo nsa? You understand? Te sɛ nea Nyankopɔn na ɛhyɛɛ mmra bi maa wɔn, nso wɔmfa no sɛ mmra a wɔde abɛka wɔn mmra ho. Deɛ ɛtɔ so mmienu ne plucking and eating grains on the Sabbath days. Ɛhɔ wɔnkasa tiaa Awurade Yesu Kristo sɛ: adɛn nti na homeda na monam rebubu aburoo anaasɛ wɔka no grains ɔnsɔ si aburoo, w'ate, wokae Twi no ara, na modi no homeda? Moatia mmra. Ɛmma Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ɛyɛ onipa nti na ɔyɛɛ homeda na ɛnyɛ homeda nti na ɔyɛɛ nipa.
Na ɔno, homeda no a moka koraa no, ɔno ne Homeda Wura. Sɛ yɛ adeɛ a na anka wɔbubu homeda so a, Awurade Yesu wɔnkasa afisɛ homedadie no, Awurade Yesu no ara na ɛde maa wɔn wɔ Sinai bepɔ so, Onyankopɔn na ɛde maa wɔn wɔ Sinai bepɔ so. Nti na wɔbusua? Wɔmmusu. But bɛɛdeɛ Onyankopɔn mmra a ɔde ama nipa wɔbusuo. Nea na wɔmo se wɔbusuo no, na ɛnka mmra no ho. Nyankopɔn anka nkyerɛɛ wɔn saa. Sɛ homeda wontumi nidi, anaasɛ wohu sɛ anka ebi wɔ hɔ na aso na homeda wote wo nua ba ate ankaa no bi na odi a, yɛse wato mmra.
Ɛno ɛna na wɔfrɛ no sɛ wɔato mmra, nti wei yɛ Jewfoɔ mmra. Ebi nso nso, why do, wɔbisaa Kristo Yesu sɛ: Why do your disciples not fast as John? W'ate aseɛ? Mark ti 2 nkyekyɛm 18 kɔsi 22. Adɛn nti na wo ne w'asuafoɔ monni mmuada? Wohu? Te sɛ deɛ mmuada ɛyɛ ahyɛdeɛ sɛ ɛwɔ sɛ wɔn nso yɛ dɛn, ɛyɛ. Na Yesu mmuaeɛ no ne nyinaa yɛbɛka ho asɛm. Afei nso mokae sɛ John ti 8 nkyekyɛm 1 kɔsi 7, ɔbaa bi a wɔhunuu sɛ ɔrekɔbɔ adwaman mmɔ so pɛ, adultery,
wasɛe awareɛ. Wɔde baa Kristo Yesu hɔ sɛ: ɔbaa yi wasɛe awareɛ, na yɛn mmra mu no deɛ ɛwɔ sɛ saa ɔbaa yi owuo. Na Yesu kyerɛ, Yesu Kristo ankasa deɛ ɔkae ara ne sɛ: nea ɔnyɛɛ bɔne da no ɔndikan ntoo bɔne. Why? Wɔn mmra no kyerɛ sɛ obi rebɔ adwaman anaasɛ obi asɛe awareɛ a, yɛnsi n'abo. Saa na mmra no ka. Nokware mu no, ɛyɛ half-truth. Na ɛnokware no nyinaa no eguie. Enti wɔn ankasa nkorɔfoni foɔ, mmra no nso wokekan Leviticus 20:10 ɛne Deuteronomy 22:22 a,
ɛse: sɛ ɔbaa ne barima mm, ɛkɔsɛe awareɛ anaasɛ wɔkɔbɔ adwaman a, ɔbaa ne barima no nyinaa no, deɛ wɔsɛe awareɛ no yɛse wɔmbo nku wɔn, ɛnyɛ ɔbaa no. Adɛn nti na ɔbaa no nko ara na wɔde no baa Awurade anim? Gye sɛ wɔn ankasa nkyerɛkyerɛ bi aka ho. Nyankopɔn se: ɔbaa ne barima asɛe saa awareɛ no a, yɛnsi wɔn mmienu aboo nku wɔn no, wɔmde ɔbaa no nko ara na wɔde no baae. Kyerɛ sɛ wɔn ankasa yɛɛ wɔn mmra ɛde aka ho. Ɛna obi nso kaae Luke ti 18 nkyekyɛm 12 no sɛ: Awurade wonim sɛ me, meyɛ fasting mprɛnu nawɔtwe.
Hwan na ɛde saa mmra no baae sɛ yɛfasti mprɛnu nawɔtwe? Enni wɔn mmra no mu. But na wɔnom no de ayɛ sɛ ɛwɔ sɛ nawɔtwe biara no, wɔyɛ fasting mprɛnu. So these are the laws a na ɛnyɛ Nyankopɔn na ɛde maa wɔn, nanso Israelfoɔ no ara ankasa ɛde aka wɔn mmra no ho. Na mpo Phariseefoɔ no atwe nipa aso. Na anka kɔm de obi na homeda wahunu sɛ borɔferɛ bi si hɔ na wate adi a, ɛno no Phariseefoɔ no bɛtumi atwe w'aso, sɛ wate borɔferɛ adi homeda, kyerɛ sɛ mmɛnnidi. Sɔ w'ate aseɛ? Enti nnoɔma bebree ɛna nkorɔfoɔ yi de akeka Nyame asɛm ho.
Nnɛ, saa na yɛn a yɛfrɛ yɛn ho sɛ Kristofoɔ bebree reyɛ. Wotie me a, ebi koraa wo koraa woyɛ saa nnoɔma no. Adɛn nti a? Biribi te sɛ Christmas a ɛnnɛ ewiase nyinaa redi, ɛne Easter, ebinom nso se yɛse Ash Wednesday, a eduru mmrɛ bi a yɛreyɛ wɔ Kristosom mu no. Saa Christmas no a yɛreyɛ wɔ Kristosom mu no, Bible mu fa he na saa adeɛ no wɔ sɛ Kristofoɔ wɔnyɛ? Enni! Enti wei nyinaa yɛ nipa tradition.
Ɛyɛ nipa ahyɛdeɛ ɛna y'ayɛ wɔ ewiase, ɛna yɛde aba abɛwura Kristosom mu, te sɛ nea Christmas ne Easter ne Ash Wednesday ne saa nnoɔma no bɛkeka Nyamesom ho. Saa na na Jewfoɔ no reyɛ. Ɛna Nyankopɔn, ɛberɛ a Kristo Yesu baeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: mosɛe Nyankopɔn asɛm. Na ma yɛntie sɛdeɛ Awurade kaa no wɔ Mark asɛmpa ti 7 nkyekyɛm a ɛyɛ 7 ne 8 no. Tie asɛm a Awurade Yesu kaae. Ɛfa ɛyɛ nipa nkyerɛkyerɛ, the tradition of man,
a yɛde bɛka Awurade asɛm. Te sɛ deɛ na Jewfoɔ no reyɛ, nti na wɔbɔ Kristo Yesu ne n'asuafoɔ no koraa kwan do, sɛ moyɛ sei, moyɛ sei, moyɛ sei, te sɛ nea wɔntie Nyankopɔn mmra. Yesu Kristo ka kyerɛɛ wɔn sɛ, meka brɔfo no ara: Mark ti 7 nkyekyɛm 7 kɔsi 8, ɔse: In vain do they worship me, right? Ɔse wɔsom me kwa. Teaching as doctrine the commandment of man. Adɛn nti na wɔsom me kwa? Fise wɔkyerɛkyerɛ nipa nkyerɛkyerɛ. W'ate aseɛ? Ɛna ɔtoa so ɔse: You leave the commandment of God and hold to the tradition of man.
Ɔse namo gyaa Nyankopɔn ahyɛdeɛ hɔ, ɛna nipa nkyerɛkyerɛ ɛna modi soɔ. Te sɛ Christmas ne Easter ne deɛ ɛkeka keka ho no nyinaa, ɛyɛ nipa nkyerɛkyerɛ, ɛyɛ nipa tradition, ɛna yɛde abɛwura mu. Ɛna yɛn nso nyinaa yato agumu. Na aworohosɛm ne sɛ, tɔ da bi a Kristo asafo mma, ɛnsɛ Ghana deɛ mente mu bi, na amannɔne ha nom no, asafo no bi wɔ hɔnom a wɔn nso ɛduru hɔnom a na wɔreyɛ. Wokenkan a yese boi! But saa nnoɔma yi ɛnyɛ Nyankopɔn na ɛhyehyɛeɛ. Adeɛ a Yesu Kristo se yɛmfa nkae no, Yesu no ara ankasa ka ne nnoɔma asɛm. Wokenkan, ɛyɛ... wɔfrɛ no dɛn?
Wɔ gospel no mu anaasɛ asɛmpa no mu a, Matthew ka bi, Mark, Luke ka bi. Ne nyinaa wɔ hɔ sɛ: momfa ɛyɛ paanoo ɛne bobesa nnyɛ me nkaeɛ. Paul nso bɛsii so Korintofoɔ mma a ɛdikan no ti a ɛyɛ 11 nkyekyɛm a ɛyɛ 23 ne 24, ɔse na me nso deɛ menyaa firii Awurade Yesu hɔ no, ɛno ara na menim, ɛno ara na mede mama mo. Sɛ Awurade Yesu anadwo a wɔbɛyi no ama no, ɔfaa paanoo na ɔbubuu mu na ɔde maa n'asuafoɔ no sɛ: monyɛ wei na momfa nkae me. Na afei n'akyi no nso no, ɔfaa kuruwa no a bobesa san wom no na ɔkaa sɛ: na monnom na wei ne mogya a nipa nyinaa nti mefie guo,
na dabiara a mobɛno mobɛdidi na mobɛnom no, moyɛ yie ɛyɛ dɛn, ɛde kae me. Na mode pae Kristo Yesu wuo mu kɔkɔ si sɛ ɔbɛba. Enti sɛ wohwɛ a, adeɛ a Kristo Yesu se Kristofoɔ yɛmfa nkae no a, ɛne saa Lord's Supper yi. Nanso Easter firi hene? Ash Wednesday firi he? Christmas firi he? Wei nyinaa ɛyɛ nipa nkyerɛkyerɛ, ɛna yɛde aba abɛwura ɛyinom. Na wokenkan Mark ti 7 nkyekyɛm 9 no, tie asɛm a ɔkaeɛ, NLT no sɛ:
Then he said, Yesu kaa sɛ: You skillfully side-step God's law in order to hold on to your own tradition. Kristo Yesu se moayɛ adeɛ paa sɛ moakwene Nyankopɔn asɛm no. Kyerɛ sɛ mode Nyame asɛm no ato nkyɛn, ɛna moankasa nipa ahyɛdeɛ so na modi. Ebinom koraa adeɛ a yɛfrɛ no Lord's Supper, Awurade deɛ wonnim, nso Christmas hei! Eduru a, ewiase nyinaa wɔn a wɔnkɔ asɔre koraa no, ɛgye saa adeɛ yi ntom. Hwan? Nyankopɔn asɛm no ne deɛ ɔkyerɛ ankasa no deɛ ato nkyɛn,
ɛna wei nom na yɛyɛ. Wobɛhunu Kristoni bi gyina hɔ na wagyegye no ho: aane ɛno deɛ, ɛno deɛ medi. Me nua, me ɛnyɛ mfomsoɔ, ɛnha me, menka no sɛ ɛnha me. Sɛ wobɛdi saa adeɛ no a, ɛyɛ, ɛmma wo. Na mmom sɛ wode bɛwura Kristo Yesu asafo no mu deɛ a, ɛhɔ deɛ na mpena wonya adwene koraakoraakoraa. Efisɛ Kristo Yesu n'asafo no, ɔnka saa. Ɔse, asafo no mu no, yɛwɔ nhwɛsoɔ a yɛhwɛ so na yɛgyina de som, na yɛ asomafoɔ no nhwɛsoɔ a wɔde toɔ hɔ maa yɛn. Asomafoɔ Nnwuma no ti 2 nkyekyɛm a ɛyɛ 42 no a, ɔse Kristosom hyɛaseɛ no na wɔnom koraa asomafoɔ no nkyerɛkyerɛ.
Mebisa wo sɛ asomafoɔ no nkyerɛkyerɛ no, na Buronya a yɛfrɛ no Christmas no ka ho? Asomafoɔ nkyerɛkyerɛ no na Easter ka ho? Asomafoɔ nkyerɛkyerɛ saa mmankonsom kwasida anaa mmankonsom wukuada no na ɛka ho? Wei nyinaa ɛyɛ tradition of men, nipa na ahyɛhyɛ, ɛna monso so moyɛ dɛn, modi so. Me nuanom, mepɛ wei de akyerɛ sɛ, fasting no, sɛ nkorɔfoɔ no de attack Kristo Yesu sɛ ɔne n'asuafoɔ no ɛnyɛ fasting no.
Na ɛnyɛ Jewfoɔ no koraa na ɛnyɛ wɔnom mmra. Deɛ ɛkɔyɛɛ mmra ɛne saa Day of Atonement no afahyɛ bi a na wɔdi no, ɛna ɔkaa sɛ wɔnteetee wɔn nipadua no. But apart from that no, na ɛnyɛ. Efisɛ fasting no ankasa no, Israelfoɔ no di fasting no wɔ nnoɔma bebree so. Israel awerɛhow a, ɔyɛ akɔmkyene. Sɛ biribi awu a, ɔyɛ akɔmkyene. Sɛ ɔyɛ bɔne tia Nyankopɔn a, ɔyɛ akɔmkyene. Enti adeɛ no abɛyɛ wɔn tradition, abɛyɛ adeɛ bi a na wɔnom ayɛ, te sɛ yɛn Akanfoɔ. Sɛnea naano merekaeɛ no, ɛnnɛ ɛna sɛ obi wu a wobɛhwɛ no na yɛanoa nnuane na yɛadi, abrɔkyele fruntom dahɔ.
But kane no na nka ɛnte saa. Akanfoɔ amammerɛ ɛte sɛ Israelfoɔ pɛpɛɛpɛ. Na wɔnom yɛ akɔmkyene, na ɛde kyerɛ wɔn ya a wɔyɛ dɛn, wɔwɔ mu. Me nuanom, sɛ yɛba ɛyɛ Apam Foforɔ no mu a, Kristo Yesu akyerɛkyerɛ Jewfoɔ no. Kae sɛ, sɛ yɛka Apam Foforɔ no a, yɛn deɛ yɛ Bible no yɛhunu no sɛ from Matthew to Revelation. But sɛ woreyɛ Matthew, Mark, Luke, and John a, nkɔmmɔ a ɛkɔɔ so nyinaa na ɛyɛ Kristo Yesu ne Jewfoɔ no nkɔmmɔ. Enti Kristo Yesu ɔka saa mmuadadiɛ ho asɛm Matthew asɛmpa ti 6 nkyekyɛm 16 ne 18 no.
Na ɔkyerɛ Jewfoɔ no kwan pa a wɔmbɛfa so ayɛ saa fasting no, efisɛ na deɛ wɔyɛ no wɔyɛ no nyaatwom kwan so. Na kae sɛ Yesu Kristo berɛ a ɔbaaeɛ no na Kristosom nnhyɛɛ aseɛ no. Nnoɔma bi a na Jewfoɔ no reyɛ no, na ɔmopɛ sɛ wɔyɛ no kwan papa so, ansa na ɔno ankasa ne deɛ ɔde reba no a ɛyɛ Apam Foforɔ no ɛberɛ no aba. Ɔno Apam Foforɔ no hyɛase Kristo Yesu ewuo n'akyi. Ɛberɛ a owuiɛ ase no nyane so no, na Asomafoɔ Nnwuma ti 2 no, ɛna Kristo Yesu apam no hyɛaseɛ. Enti hɔnom no na yɛnni Jewfoɔ som mu bio.
Ɛhɔnom no na afei yaba Kristosom ayɛ dɛn, ahyɛaseɛ. Nti berɛ a Kristosom hyɛaseɛ no, Kristo Yesu kyerɛɛ nkorɔfoɔ no, asɛm a ɔkaeɛ bio ne sɛ: And when you fast, sɛ mobɔ, moyɛ akɔmkyene a, do not make it obvious, monnyɛ mo anim bobosaw sɛdeɛ nyaatwomfoɔ yɛ. For they try to look miserable and disheveled so people will admire that they are fasting, sɛnea ɛbɛyɛ a nipa bɛhunu sɛ wɔnom rebɔ mpaeɛ. And I tell you the truth, that is the only reward they ever get, nokware mereka kyerɛ mo sɛ wɔnom anya wɔn akatua dada.
But when you fast, still talking to the Jews, sɛ morebɔ mpaeɛ ne n'asuafoɔ no a na ɛgyina n'akyi, ɔse sɛ moyɛ akɔmkyene a, comb your hair, nunu wo tirim, and wash your face, na ɛyɛ dɛn, hohoro w'anim. And then no one will notice that you are fasting, Awurade Yesu reka ɛno ara ne sɛ, mommɔ dawuro no mo anim. Ɛnnɛ asɔre bi a ɛreyɛ fasti a, na yɛde abɛto social media: 3 days from November 3rd to hwan hwan we are fasting. Kristo Yesu se: ɛmmɔ dawuro no w'anim. Efisɛ fasting no,
ɛkyerɛ the seriousness a wo ne wo Nyankopɔn rebɛkasa. Ɛno ara no no. M'ate aseɛ? Yesu Kristo yɛ Jewnii nti no, saa Jewfoɔ no, sɛ na wɔrebɔ mpaeɛ no wɔde fasting no ka ho a, ɛkyerɛ sɛdeɛ wɔn ani abere a, te sɛ nea woreyɛ a, wagyae na worekɔ kooko mu na wopɛ sɛ ɔne no kasa. Ɔno na ɔwɔ sɛ oyie de kyerɛ no, na ɛnyɛ nipa. W'ate aseɛ? Ɔse: Then no one will notice that you are fasting except the Father who knows what you do in private, wo Agya no a ɔhu kokwam no, na wo Agya no bɛtua wo ka.
Matthew ti 6 nkyekyɛm 16 to 18 no, asɛm a Yesu Kristo kaeɛ no no. Na mereka biribi sɛ, Phariseefoɔ no they accused Jesus for not what, fasting like the Pharisees and John's apostles, sorry. Wɔbɔɔ Yesu kɔndua sɛ: adɛn nti na ɔno ne n'asuafoɔ no enni mmuada sɛnea Yohane di mmuada no? So, Mark ti 2 nkyekyɛm 18 to 22. Nti asɛm a ɔkaeɛ, ɔse: Once when John's disciples and the Pharisees were fasting, some people came to Jesus and asked:
Why don't your disciples fast like John's disciples and the Pharisees do? But Jesus replied them: Do wedding guests fast while celebrating with the groom? Yesu se: ayeforɔkunu no wɔ hɔ no, wohwɛ a wɔmbɛdi mmuada anaa? Adɛn nti na w'asuafoɔ no nso enni mmuada? Sɛ ɛyɛ mmra a ɛwɔ sɛ Jewfoɔ di so a, Yesu answer no a ɔde maa wɔn no ɛyɛ wrong, cause ɛyɛ mmra. Nti sɛ ayeforɔkunu wɔ hɔ o sɛ ɔnni hɔ o, ɛwɔ sɛ wɔdi mmuada. But Yesu nim sɛ wei nyɛ Nyankopɔn na ɛhyehyɛɛ saa mmra no maa wɔn. Nti question no a ɔbisaa wɔn no, sua ho!
Ɛna ɔse: of course not, ɛnyɛ adeɛ a yɛfrɛ wɔ hɔ na yɛn ani agye na yeredidi na obi nni mmuada. And they can't fast while the groom is with them. But someday the groom will be taken away from them, and then they will fast. Ɔse berɛ bi bɛduru a ayeforɔkunu no wɔbɛfa wɔn afiri ne nkyɛn, na ɛhɔ ansa na wɔbɛdi mmuada. Na ɔka sɛ Kristo Yesu bɛfiri nkorɔfoɔ no nkyɛn, na ɛhɔ na wɔbɛdi mmuada. Enti na you know, aseɛ ne sɛ, yɛbɛtoa so na wobɛhu nea Yesu kyerɛ. Ɔse: besides ɛno akyiri no, Who will patch an old clothing in a new cloth?
Ɛna obisaa wɔn sɛ: hwan ɛna ɔde ntoma dada bɛtɛ ntoma mono bɛtɛ ntoma dada mu? For the new patch will shrink and rip off from the old cloth. Ɔse ɛba saa a, ntoma mono no a wode atɛ dada mu no, ɛbɛbrɛ na nteteɛ no bɛyɛ kɛseɛ. Nti obiara nni hɔnom a, wowɔ ntoma dada a ewuo, ntoma no wode wo nsa som anaa sɛ asunsuani, na woakɔfa ntoma mono sɛ wode bɛtɛ akata patch no mu. Yesu se obiara nni hɔ a ɔyɛ saa. Adɛn nti na Yesu ka saa asɛm yi?
Wɔm se adɛn na wonyɛ fasting na Yesu de saa asɛm yi ba bɛto hɔ, na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ sɛn? Me nua dwen ho! Ebia wakan da but w'adwene mmaa saa nsɛm yi so, deɛ nti a Yesu kaa saa. Ɔkaeɛ bio ɔse: And no one puts new wine into an old wineskin. Ɔse: obiara nni hɔ a ɔde nsa bɛgu nsankotokuo a ayɛ brɛmu. W'ate aseɛ? For the wine will burst the wineskin and the wine and the skin will be lost. Tie Yesu kyerɛkyerɛ no a, ne sɛ: ɔka sɛ ntoma dada na mode bɛtɛ ntoma mono mu a,
wɔnom mmra ɛne ceremonial law ne saa nnoɔma nnoɔma no a na wɔreyɛ no, Yesu kyerɛ sɛ montumi mfa me nwura foforɔ no a me mede reba no mu. Ɛne sɛ, obi, sɛbe, egu ne nsa a ne ho nte. Obi ɛne sɛbe ne kunu ada ɔsɔre a ne ho nte. Sɛnea wobisaeɛ sɛ adɛn na woanyɛ fasting, nti woanyɛ fasting a Nyankopɔn nhu wo no. Saa nnoɔma wei nyinaa ɛyɛ mo mmra dada ne nnoɔma nnoɔma. Enti Kristo Yesu se: You cannot bring this into the new one. Sɛ woyɛ saa a, you are causing more problem. W'ate aseɛ? Ɛno ɛna afei wokekan Asomafoɔ Nnwuma ti a ɛyɛ 15, Acts chapter 15 firi verse 1 a ɛkɔ.
Ɛno na na Jewfoɔ no a abɛyɛ Kristofoɔ no, na wɔnom pɛ sɛ Kristofoɔ no a aba no sɛ Gentile Christians no wɔnom yɛ. Wɔm se: hwɛ, gye sɛ mokɔdi Mose mmra no so na yɛtwa mo twetia, anyɛ saa heven homonkɔ. Ɛna asomafoɔ no se: boi, deɛ asɛm na moka no? Saa mmra yi a wɔmodi so yi na ɛyɛ kɔnmuadeɛ ma wɔn a wɔn koraa ntumi ansoa. Adɛn nti na mopɛ sɛ mode saa kɔnmuadeɛ bɛto yɛn so? Tie ne Kristo Yesu asɛm no a ɔreka no sɛ saa mmra dada no: Why do you want to bring into the new? Enti wɔm bisaa no fasting ho asɛm deɛ, but Yesu kaa saa no, ɛrekyerɛ wo sɛ:
nnoɔma bi wɔ hɔnom a mommfa mmɛwura mfa mmɛteetee nkorɔfoɔ. W'ate aseɛ? Does it mean sɛ fasting nyɛ anaa? Daabi, ɛnyɛ saa na yɛreka ho asɛm. Fasting ɛyɛ nipa no ne nnoɔma bi a woreyɛ, ɛde akyerɛ the seriousness ɛwɔ hɔ. But ɛnyɛ mmra sɛ wobɛyɛ no mmrankenten sɛ, sɛ nipa no sɛ woanyɛ fast a, wobɔ mpaeɛ a Nyankopɔn ntie. Daabi, ɛnyɛ saa na Yesu repakyere. W'ate aseɛ? Ɛno nti, wontumi mfa ɛyɛ ntoma dada ɛmma ɛmmɛwura ntoma mono mu ɛmma no nyɛ dɛn, ɛnyɛ yie.
Me nuanom, atwerɛ bi adeɛ a ɛconfuse yɛn kakra ne yie: Hwɛ, yɛwɔ menka sɛ two quotations yi na memfa mmerɛ wieɛ. Matthew asɛmpa ti 17 nkyekyɛm a ɛyɛ 21 no, wo Twi Bible no akenkan hɔ. Ɛna Mark ti 9 nkyekyɛm a ɛyɛ 29 no. Ne nyinaa ka asɛnkoro. Na saa asɛm yi, wɔ Brofo Bible no, ɛyɛ version a yɛfrɛ no King James Version, ɛna ɔde saa adeɛ yi, wokenkan a ɔde hyɛ hɔ. King James Version bɛkan ɔse: Howbeit this kind goeth not out but by prayer and fasting, nkan a ɛhyɛ hɔ.
Ɛna wokae Mark deɛ no nso a, Mark 9:29 nso ɔse: And he said unto them, this kind can come forth by nothing but by prayer and fasting. Wokan yei Twi Bible no a, ɔse saa adeɛ deɛ na adebɔne ntumi nkɔ gye mpaebɔ ɛne mmuadadiɛ anaasɛ gye mpaebɔ ne akɔmkyene. Ebia wo Twi Bible no kan saa de bɛma wo. But wɔn a ahyia, wɔfrɛ no dɛn, ɛyɛ Bible scholars, yɛ Bible hwehwɛmufoɔ no, ɛhunu yie sɛ yɛn Twi Bible no ɛne King James Bible no, wohwɛ a manuscript no a King James no yiyi firii mu no, ɛno ara na yɛde twerɔɔ yɛn Twi Bible no.
Na nhwehwɛmu akyerɛ sɛ, manuscripts a wɔnom nso copied the same a yei no, emu biara nni hɔnom a, wɔnom de saa asɛm no hyɛɛ hɔ sɛ: na saa deɛ deɛ na adebɔne ntumi ntu gye mpaebɔ ɛne mmuadadiɛ. Kyerɛ sɛ, woamfa mmuadadiɛ anka mpaebɔ ho a adeɛ no ɛnnyɛ yie. Wɔn adwene yɛ hu sɛ, ɛyɛ scribes no, ɛyɛ Jewfoɔ atwerɛfoɔ no ɛna wɔde saa adeɛ no hyɛɛ hɔ. Just to, you know, obronii sɛ, they inserted it just to harmonize Matthew and Mark's accounts. Since the other manuscript no you don't find it in it.
Adɛn nti na saa manuscript no nko ara na ɛka, saa other manuscripts a ɛka the same subject no obiara nni hɔnom a ɔde hyɛɛ mu? Sɛ wokenkan Bible version biara na woduru Matthew 17:21 no a, wobɛhunu sɛ ɛhɔ 21 no nni hɔ. But wohwɛ ebia note, the notes no a ɛwɔ aseɛ no a, na wɔde 21 no aba anɔwɔ aseɛ hɔ, other manuscripts ɛna ɛyɛ dɛn, ɛkasa. Sua ho! Ɛno nti me nuanom, deɛ merepakyow no ne sɛ: deɛ wokan no wo Twi book no, Twi Bible no mu, sɛ gye sɛ mpaebɔ ne akɔmkyene no,
ɛnyɛ adeɛ a wohu ɛwɔ English Bible no bebree mu. W'ate aseɛ? Efisɛ Nyankopɔn anka baabiara sɛ sɛ woamfa akɔmkyene deɛ a mentie wo mpaebɔ. Daabi, Awurade anka no saa. Efisɛ fasting no ankasa no, deɛ ɛma nipa yɛ ne sɛ, ɛma nipa twi n'adwene si mpaeɛ a ɔreyɛ no so. Nti me nuanom, aha ɛna yɛde ɛnɛ deɛ yi bɛsi. Na ɔfã a ɛtɔ so mmiɛnsa no, nsɛmbɔ papaapa. Ɛno na yɛde dwumadie no nyinaa bɛwie. Ɔfã a ɛtɔ so mmiɛnsa no yɛbɛhwɛ sɛ Kristosom mu no, fasting ɛyɛ ahyɛdeɛ mma yɛn? Already na yɛasua yi, ɛbɛboa wo ma woahu sɛ ɛnyɛ ahyɛdeɛ. W'ate aseɛ?
Na afei yɛaka sɛ: nti sɛ obi yɛ fasting a, ɛma no yɛ kronkron kyɛn wɔn a aka nyinaa anaa? Na deɛ ɛtwa toɔ no: sɛ awarefoɔ moyɛ fasting a, mobɛtumi ada? Anaasɛ fasting no nti no yentumi nna, na mmom yɛda a ɛyɛ bɔne anaasɛ yɛda a ɛyɛ mfomsoɔ anaa? Can married couples make love during the prayer and fasting period, or it is a taboo to do that? Ɛno ɛna yɛbɛhwɛ. Nyame nhyira wo sɛ wotie kɔ w'anim daa.
Me nuanom, sɛ wohwɛ na sɛ saa adesua yi ho abanfa so ama wo a, fa kɔma obi na ɔno nso ntie bi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mfasoɔ ɛbɛba ne ho ama no. Na afei nso no, subscribe to my channel no, mhm, my YouTube channel, Facebook, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nsɛm a ɛte sei no wo nsa bɛka bi. Me nuanom, mayɛ wei nso so brɔfo. Nti sɛ wofeel sɛ obi nte Twi no anaasɛ obi ntumi nte Twi n'asɛm yie a, hwɛ brɔfo deɛ no na fa kɔma no. Yedin no da so ara ne: The Fasting that Pleases the Lord. Nyame nhyira wo.
Saa adesua yi yɛ ɔfa a ɛtoso mmiɛnsa a Onua Paul de rebrɛ yɛn a ɛfa Kristofoɔ akɔntene (mmuadadie) ne mpaebɔ ho. Ɔsi so dua sɛ akɔntene nyɛ ahyɛdeɛ anaa mmara denden bi a ɛwɔ sɛ Kristoni biara di so ansa na Nyankopɔn...
Nnyinasoɔ Mmoano (Summary) Wɔ saa adesua yi mu no, nua barima no kyerɛkyerɛ Nyamesom mu akɔntrene (mmuada / fasting) ase fi Twerɛ Kronkron mu. Ɔda no adi sɛ Nyankopɔn hyɛɛ mmuada ho mbra pɔtee maa Israelfoɔ wɔ Fɛfɛɛbere...
Nnyinasoɔ Mmoano (Summary) Saa apɔstɔfoɔ podcast fã yi kyerɛkyerɛ sɛ, Kristosom mfitiaseɛ no, na asafo baako pɛ na Kristo de sii hɔ, ɛnyɛ nsɔrensɔreɛ pii a esono emu biara nkyerɛkyerɛ te sɛ nea yɛhunu no nnɛ yi....
Sɛnkyerɛnnɛ Kɛseɛ (Summary) Saa adesua yi mu no, Onua Paul bisa nsɛmmisa a ɛho hia pa ara a ɛfa ɛnnɛ Kristosom ho: "Onyankopɔn ma nnipa kwan sɛ ɔmontie asɔre mma no anaa?" Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛnea ɛnnɛ nsɔre-nsɔre a ebere...
Nnyinasoɔ Mmoano (Summary) Adesua yi hyɛ aseɛ a nkyerɛkyerɛfoɔ no bɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ nsɛm a ɛfa nsɔrensɔre pii a ɛrepusuw mu adagyam, titire wɔ Abibirem ne Ghana ha. Ɔbisade titire a ɔde reto dɔm no anim ne sɛ:...