Saa adesua yi yɛ ɔfa a ɛtoso mmiɛnsa a Onua Paul de rebrɛ yɛn a ɛfa Kristofoɔ akɔntene (mmuadadie) ne mpaebɔ ho. Ɔsi so dua sɛ akɔntene nyɛ ahyɛdeɛ anaa mmara denden bi a ɛwɔ sɛ Kristoni biara di so ansa na Nyankopɔn atie ne mpaebɔ. Mmom, ɛyɛ honhom mu nteteeɛ a ɛboa ma Okristoni twe n'adwene firi honam fam akɔnnɔ ne aduane ho de si Onyankopɔn so. Akɔntene nso mma obi nyɛ ɔteneneeni soronko koraa nsen obi a onni mmuada; nea Nyankopɔn hwehwɛ ne gyidie, anidasoɔ, ne ahobrɛaseɛ. Afei nso, ɔfa awarefoɔ nna ho asɛm bere a wɔwɔ mmuadadie mu no to dwa. Ɔkyerɛ mu sɛ, sɛnea na Israelfoɔ ne amammre pii fa no sɛ nna anaa ɔbaa a wanya n'adwene/afikyire ma obi ho gu fi no, Kristo Yesu nam asɛnnua no so abɛgu saa honam fam mmara no nyinaa, na seisei yɛsom Nyame wɔ "Honhom ne Nokware mu." Awarefoɔ nna yɛ akyɛdeɛ a ɛfiri Nyankopɔn, enti sɛ awarefoɔ da bere a wɔyɛ fasting mu a, ɛnsɛe wɔn akɔntene anaa wɔn mpaebɔ, na ɛnyɛ bɔne nso. Nanso, sɛnea Ɔsomafoɔ Paul kyerɛɛ wɔ 1 Korintofoɔ 7:3-5 mu no, ɛhia sɛ awarefoɔ mmienu no nyinaa pɛne so ansa na wɔatwe wɔn ho firi nna ho kyerɛkyerɛ bere tiawa bi ma mpaebɔ, na afei wɔasan aba mu ntɛm sɛnea ɔbonsam rennye wɔn nsɔhwɛ mu. (00:00) - Nkyia, Nkamfoɔ Ne Adesua No Fitiaseɛ (00:36) - Nsɛmmisa Mmiɛnsa A Ɛfa Fasting Ho Ne Beaeɛ A Wobɛnya Adesua No (02:07) - Fasting Yɛ Ahyɛdeɛ Anaa Mmara Ma Okristoni Anaa? (Asomafoɔ Nnwuma 9, 13, 14) (04:47) - Fasting Ma Obi Bɛyɛ Ɔteneneeni Sen Obiara Wɔ Nyame Anim Anaa? (Luka 18 Mfatoho) (06:50) - Adɛn Nti Na Wokata W'ani Bere A Worebɔ Mpaeɛ? (Adwene A Wode Si Nyame So) (08:14) - Awarefoɔ Nna Wɔ Akɔntene Bere Mu: Israelfoɔ Amammre Ne Ahotewɛ Ho Mmara Dada (10:55) - Kristo De Apam Foforɔ No Abɛba: Yɛsom Wɔ Honhom Ne Nokware Mu (13:00) - Akanfoɔ Amammre Ne Jew-foɔ Mmara Nsɛsoɔ (14:48) - Awarefoɔ Nna Wɔ Kristosom Mu: Bɔne Anaa Akyɛdeɛ? (17:15) - Ɔsomafoɔ Paul Afutuo Wɔ 1 Korintofoɔ 7:3-5 (Apɛnesoɔ Ne Bere Tiawa) (21:28) - Ntwatowee Nsɛm, Nkuranhyɛ Ne Nkratoɔ
Audio and video play straight from the show's own hosting. PodSubs stores and serves no media.
Transcript
From the show. Tap a time to play from there.
Menuanom adɔfoɔ, mo nua Paul masan aba mo nkyɛn bio. Adɔfoɔ, mo te sɛn? Mede sɛ Kristo Yesu adom nti mo ho yɛ. Me nso so, me ho yɛ paa. Wɔka sɛ nusiɛ ayɛ togyom a, na ɛkyerɛ sɛ ɛwɔ ahoɔden mu, nti ɛho yɛ. A yɛbɛto yɛn adesua a ɛbɛyɛ sɛ na ɔkyemiɛnsa ni adesua no. Yɛdikan a ɛyɛ ɔfa edikan ne nea ɛtoso mmienu no a ɛfa ɛyɛ akɔntene ne mmuadadiɛ ho.
Na ɔfa a ɛtoso mmiɛnsa ɛne nede twatowee ɛna mede ɛrebrɛ mo. Sɛ nanso woba kaa yie a, yɛhwɛ ɛyɛ sɛnea fasting anaa sɛ akɔntene netie ɛwɔ Gyudfoɔ nom a, sɛ wɔka sɛ wɔmo yɛ akɔntene a, ɛnea negyina ho makɔ te. Ɛnyɛ akɔntene na wɔmo yɛ nyinaa ne sɛ wɔnom mpaebɔ nti na wɔmo yɛ. Ebi wɔ hɔ nom a, na bɔne a wɔnom ayɛ ɛna wɔmo anhu wɔn ho sɛ yɛde afunu ato hɔ nom.
Obi wɔ so anaa sɛbe nibe awu, anaa sɛ tesɛ nea Akanfoɔ yɛkɔ yie awu a ebi wɔ hɔ nom a yennidi ɛne yɛkeka ho no, yɛhu weinom nyinaa. Na seisei no, nea ɛtoso ntwatowee nsɛm bɛsɛ mmiɛnsa ɛna yɛpɛ sɛ yeyi ano. Na mereka w'adwene sɛ sɛ saa lesini netwatowee nkoa na worehwɛ a, menua woyɛ akyirepɛ. Hwɛ deɛ ɛtoso mmienu no ne deɛ ɛtoso ɛdikan no ne deɛ ɛtoso mmienu no netumi aboa wo ama w'ate saa adesua yi aseɛ yie.
Menuanom, adesua no ɔfa ɛtoso mmiɛnsa no, wobɛhu ɛwɔ Facebook ɛna YouTube. Ebi nso so TikTok wobɛtumi afa me wɔ hɔ nom. Bio nso so nea ɛyɛ audio nkoa no anaa sɛ radio no, wobɛtumi anya no wɔ Spotify anaa sɛ truth.fm. Na saa truth.fm no ɛno yɛ online you know radio a ɛwɔ sɛ wodownloadi. Nti wokɔ App Store anaa sɛ Play Store a, wobɛtumi adownloadi Truth.fm. Dot no yɛ dot, ɛnyɛ DOT, ɛyɛ dot.
Nti yɛ Truth.fm. Ɛwodownloadi no ɛyɛ App Store anaa Play Store a, ɛno nso wobɛnya. Ɛyɛ Americafoɔ radio a ɛyɛ online radio a ɛso, kasa dodow bebree na ɛwɔ so. Na seisei no, me ɛno na mahyɛaseɛ sɛ mepɛ sɛ yɛnya ɛyɛ Ghana kasa nso so ɛwɔ so. Wɔmo gu so a yɛnyiyi adwuma. Na mmom no sɛ wopɛ radio no atie deɛ a, na wokɔ Spotify a wobɛnya. Menuanom, yɛnto yɛn adesua no so na yɛnhwɛ nea ɛnnɛ yɛwɔ ma mo.
Nneɛma bɛsɛ mmiɛnsa anaa sɛ asɛmmisa bɛsɛ mmiɛnsa ɛna saa fasting mu yɛpɛ sɛ yɛbisa. Deɛ ɛdikan ne sɛ: Is fasting mandatory or commanded for Christians before God listens to our prayers? Sɛ fasting no ɛyɛ mmara sɛ ɛwɔ sɛ wudi mmuada ansa na metie wo mpaebɔ anaa? Nyankopɔn aka biribi saa ɛwɔ Kristosom mu anaa? Deɛ ɛtoso mmienu, asɛmmisa ɛtoso mmienu ne sɛ: Does fasting make one righteous or special before God? Sɛ medi mmuada a, ɛma me bɛyɛ ɔhotene dendennden wɔ Nyankopɔn anim
anaa sɛ medeɛ mbɛyɛ soronko koraa ɛsen obi a onni mmuada anaa? Ɛno nso yɛbɛhwɛ. Deɛ ɛtoso mmiɛnsa ne sɛ: Is it sinful or an abomination to make love during the fasting period? Ɛyɛ bɔne sɛ mewɔ me yere anaa me ne me kunu teɛ na meyɛ mpaebɔ ɛne mmuada no, me ne me kunu bɛda anaa? Ɛyɛ bɔne anaa? Nti anaa sɛ ɛnyɛ ne kwan no no anaa? Mise nea yɛbɛhunu ne sɛ obi wɔ hɔ koraa ɔyɛ fasting, ɔbarima bi wɔ hɔ na ɔyɛ fasting a,
ɔmpɛ sɛ ne kunu koraa bɛsɔ ne mu: "Ɛbanyin foɔ, wopɛ sɛ wobɛsɛe me fasting a mereyɛ anaa biribi a ɛtete saa." Na yɛnhwɛ sɛ nneɛma bi wɔ hɔ nom a ɛyɛ yɛn nipa na yɛde akeka ho anaa sɛ saa na Nyame asɛm yɛde no ɛteɛ? Worehwɛ a, part two no, ɛkyerɛ sɛ nneɛma bi wɔ hɔ nom a na ɛnyɛ Nyame potee ɛne hyɛɛ maa Israelfoɔ no, but Israelfoɔ no ara na ɛde nneɛma bi keka ho ma ɛbɛyɛ ahyɛdeɛ ɛbɛtetire wɔn ho. Ɛno nti na Kristo Yesu kaa sɛ ɔse: "Moatete sɛm nti, nnipa nkyerɛkyerɛ a mo kyerɛkyerɛ nti no, mode sɛe Onyame asɛm".
Ɛyɛ Mark chapter 7 verse 7 to 9 no. Sɔte aseɛ? Nti nneɛma bi a ɛka sɛ Israelfoɔ no ɛde kyekyere wɔn ho, wodeɛ wokɔ video two no mu a wobɛhu. Sɛ w'ahu? Ebi ne sɛ: adɛn na wonhoro wo nsa na wodidi? Ebi ne sɛ: adɛn na ahomeda wotie aduane die? Ebi ne sɛ: adɛn nti na wonni mmuada ɛne deɛ ɛkeka ho? Na saa ɛna ɛtaa sɛ nnɛ nso Kristosom nneɛma bi wɔ hɔ nom a yɛde aba abɛhyɛ yɛn kɔn, wabrɛ yɛn anim. Na ebi ne fasting ɛne ne nsɛm a yɛrebisaso.
Nti yɛbɛhwɛ sɛ ebia woreyɛ fasting a, wowɔ ho kwan sɛ wo ne wo hokafoɔ da anaa sɛ ɛnyɛ ne kwan no no. Menuanom, aberɛ a Kristo Yesu asafo no hyɛaseɛ wɔ Jerusalem no, ɛno na ɛde Kristosom ankasa ɛbaeɛ. Kristosom Kristosom nyinaa no, ɛno ne Kristo n'asafo no a ɔde sii wiase no sɛ ɛnsane nkɔ wiase nyinaa nkyerɛkyerɛ Kristo no. Ɛno na yɛfrɛ no sɛ Christianity. Na sɛ wohwɛ mu a, aberɛ a ɛhyɛaseɛ no, yɛhunuiɛ sɛ asomafoɔ foforɔ no ɛrecord ɛyɛ fasting ho asɛm,
fasting ho asɛm ɛwɔ mu. Na ɛno na yɛpɛ sɛ yɛhwɛ no deɛ ɛdikan. Na afei yɛabisa yɛn ho sɛ, fasting no ɛyɛ command anaa? Deɛ ɛdikan a mepɛ sɛ wote aseɛ ne sɛ, asomafoɔ foforɔ no wɔka fasting ho asɛm. Afei, yɛnhwɛ, wohwɛ Asomafoɔ Nnwuma no etire a ɛyɛ nkron nkyekyɛmu a ɛyɛ baako ɛne du baako no a, Kristosom hyɛaseɛ koraa no, mfa no sɛ aha ɛne dikan a yɛhunu sɛ obi reyɛ fasting, na ɛno ne hwan?
Saa bere yi na ɔnfasti sɛ ɔfasti sɛ Kristosom anaa sɛ asɔre no mu ɛna ɔwɔ fasti. Na wo werɛ ka no asɛm no yɛfrɛ no sɛ Saul na ɔyɛ Jew-nii. Na saa Jew-nii Saul yi, ɔno na akyire ɔbɛdane Paul a Kristosom yɛte ne nka no. Aberɛ a ne mfa no sɛ ne conversion, aberɛ a na ɔsisa afiri Jew-foɔ som abɛ Kristosom mu no, kɔhyia Awurade Yesu wɔ Damasko kwan so no, ma Awurade Yesu kaa sɛ:
"Me ne Awurade a wota me na wote me no". Ɛhɔ ɛna afei no Paul wohwe fam a, ɔsɔreɛ na n'ani afira. Na afei no, Awurade Yesu kyerɛɛ no baabi a ɔnkɔ na yɛnkyerɛ no nea ɔbɛyɛ. Na menuanom, Bible no kyerɛ sɛ nansa Paul n'ani firaeɛ no, na wanni didi n'ano. Because fasting wɔ mma n'aduane a ɔnyɛ dɛn, onni. Na ɛkyerɛ sɛ aha nom no na ɔfaste anaa sɛ ɔdi mmuada. Afei nso yɛhunu yie sɛ aberɛ a asafo no hyɛaseɛ wei deɛ na ɛyɛ asɔre no mu.
Paul deɛ no deɛ na ɛnyɛ asɔre no nti na ɔreyɛ, na mmom na ɔreyɛ sɛ ɔyɛ Jew-nii na ɔnim sɛ biribiara a ɛyɛ adeɛ a ɛyɛ ɔhaw anaa tetee bi abɛ nipa so a, na ɔse wudi mmuada de kyerɛ ɛyɛ awerɛhow a ɔwɔ mu anaa sɛ nea ɔno nu ne ho anaa nsakraeɛ a ɛno na ɛmaa ɔyɛɛ saa. Asomafoɔ Nnwuma no etire a ɛyɛ dumieɛnsa nkyekyɛmu baako deɛ mmiɛnsa no, yɛhunu sɛ asafo a na ɛwɔ Antiokia no, wɔnom nso dii mmuada. Yɛbɛka ho asɛm. Afei nso yɛhunu sɛ Paul ɛne Barnabas nso so aberɛ a wɔnom nso so ɛnam wɔn soma asafo no bebree edwuebueɛ no, akyire wɔmɔ kɔ asafo no so
eyiyie ɛyɛ elders anaa sɛ mpanimfoɔ ɛma asafo no, Bible se: ɔyɛ akɔntene ɛbɔɔ mpaeɛ ansa na wɔnom yɛe, Acts chapter 14 verse 23. Afei nso yɛhunu yie sɛ yɛmba ɛyɛ Korintofoɔ mma no mu a, aha ɔsomafoɔ Paul ɔno nso no rekasa fa ɛyɛ Kristofoɔ yɛn mpaeɛ a yɛbɔ ɛne sɛ ɛtɔ da bi a yɛde yɛn yafunu bɛto hɔ nom nso so no, ɛno nso ɔka ho asɛm. So sɛ yɛhwɛ saa nsɛm a maka yi nyinaa a, na ɛkyerɛ sɛ e sum no, it suggests that the early church did fasting even though fasting
is not explicitly commanded as a rule in the New Testament or for the New Testament Christian. Yɛhunu sɛ asomafoɔ no anaa sɛ Kristofoɔ a ɛdikan no yɛhunu sɛ fasting wɔ wɔn mu. Ɛmmom no yɛnhunu sɛ ɛyɛ mmara sɛ ɛwɔ sɛ yɛ yɛ mmuada. Tesɛ nea Bible no kaa sɛ: "Mo nnyae mpaebɔ da, Okristoni nnyae mpaebɔ da". Deɛ ɛwɔ he na wɔkaa sɛ Okristoni nnyae fasting da anaa sɛ yɛfasti daa? W'ate aseɛ?
Nti ɛno na yɛpɛ sɛ yɛde to ho na yɛahwɛ. Nti fasting no ankasa no, yɛnhunu sɛ deɛ mɛdi aka no sɛ ɛyɛ mmra. Nanso so no, it helps us to concentrate on God as we go before Him with our prayer request. Sɛ yɛrekɔ Nyankopɔn anim yɛde adesrɛdeɛ rekɔ a, fasting ɛboa yɛn ɛma y'adwene si Onyankopɔn so. Asomafoɔ Nnwuma etire a ɛyɛ nkron nkyekyɛmu a ɛyɛ baako kɔpem edu baako no, ɛduo nkron no, woahu sɛ mereka sɛ
ɛhɔ nso so no yɛhunu sɛ Saul a akyire ɔbɛdane Paul no, afei nansa na wanni aduane. Ɛwɔ tebea bi a na ɔwɔ mu. Ɛrekam ma woteaseɛ sɛ Jew-nii ɛreyɛ fasting a na ɔde kyerɛ remorseful sɛ ɔno nu ne ho. Anaa sɛ repentant sɛ ɔresakra n'adwene. Anaa sɛ expression of grief sɛ yie awubie na ɔwɔ deɛ. Humbling the soul sɛ ɔbrɛ ne kra aseɛ. Intensifying prayer sɛ aye ɔbɔ mpaeɛ na ɔpɛ sɛ ɔde n'adwene nyinaa nyinaa si so no, na Jewfoɔ no yɛ.
Ɛno nti nea Saul ɛyɛɛ hɔ nom no, saa bere no na Kristosom mu no na ɔnyɛ nkrɔ Kristosom mu. Nti deɛ yɛbɛka ne sɛ: we can emphatically say that Saul was going through these emotions. Ayi koraa sɛ na nea Yesu ka kyerɛɛ no afei na ɔno nu ne ho paa sɛ ɔsusu sɛ ɔreyɛ Nyankopɔn asɔdeɛ sɛ nso ɔtaa Nyame asafo no, nti ɔde ahunu ɛna ɛtwee ne ho frii aduane ho. Ɛbɛtumi aba saa. Acts chapter 13 nso so no, Asomafoɔ Nnwuma etire a ɛyɛ dumieɛnsa nkyekyɛmu a ɛyɛ baako no ɛne mmiɛnsa no,
yɛhunu yie sɛ asafo no nso so na ahyɛaseɛ. Ne nom na Antiokia asafo no wɔn nso hu sɛ ɛho bɛhia sɛ yɛbɛdi mmuada. Na adɛn nti na wɔnom ɛredi mmuada wɔ ha? Ɔse wɔdi mmuada ɛbɔɔ mpaeɛ, ɔreyɛ asɔre no mu na ɔreyɛ, na afei no akyi no Honhom Kronkron no eyi Paul, Saul ne Barnabas sɛ wɔnom nkɔyɛ Onyankopɔn edwuma no. Nti aha, yɛhunu sɛ asafo no so ɛpractise saa adeɛ no. Na ɛnyɛ mmara deɛ a, adɛn nti na wɔnom ɛpractise?
Ɛnyɛ nneɛma nyinaa na yɛyɛ ɛwɔ Nyamesom mu a na ɛkɔyɛ mmara. Na mmom edie amoa ɛna ɛbɛboa. Na yɛbɛkyerɛ nea fasting no ankasa no ɛyɛ ne nti a ɛma Kristofoɔ no yɛɛ, nanso na ɛnyɛ sɛ ahyɛdeɛ bi sɛ ɛwɔ sɛ wɔnom yɛ a ɛna wɔnom yɛeɛ. Now, yɛnhwɛ Acts chapter 14 verse 23 a, ansa na Paul ne Barnabas wɔnom nso so ɛbɛyi ahwɛfoɔ ama asafo no, Bible se: wɔnom nso ɛbɔɔ mpaeɛ ɛyɛɛ akɔntene. Menuanom, yɛnhwɛ: does fasting make one more spiritual?
Sɛ woyɛ akɔntene a, ɛma woyɛ honhom mu nii dendennden anaa sɛ woyɛ ɔhotenee anaa sɛ wodeɛ tesɛ nea yɛte nsɔrensɔre aka no ne asɔfoɔ bi se: "O! Mayɛ dry fasting 14 days. Hwɛ seisei tumi bi a menya no." Fasting mma onipa nya tumi bi anaa? Daabi daabi daabi daabi. Fasting takes our mind off the physical needs of the body in order to concentrate on the spiritual needs of the inner man. Fasting no deɛ ɛyɛ ne sɛ ɛma yatwe y'adwene firi nneɛma a nipadua wei pɛ,
sɛ asɛ ɔse mennidi na menhyɛ me anaa sɛ ebia biribi a ɛyɛ nipadua no akɔnnɔ anaa sɛ eyi no. Wotwe wo ho fri mu sɛnea ɛbɛyɛ a w'adwene bɛba emu no ho nipa the inner self a ɛyɛ wo kra no. Wode wo kra no bɛn Nyankopɔn anim sɛ wo ne Awurade rekasa. Ɛno na fasting no ɛyɛ. Like it doesn't make you anything more than this. W'ate aseɛ? It helps the Christian to concentrate on God. Ɛma Okristoni wotwe w'adwene si Onyankopɔn so.
Yɛmpɛ sɛ me making it clear ɛmma yɛnte aseɛ no sɛ: God has not said that without fasting your prayer won't be answered. Yɛbɛba, ebia wokɔ kenkan quotation bi sɛ: na wei deɛ adeɛ yi ntumi mfiri hɔ gye sɛ wode mpaebɔ ne akɔntene, nti w'adwene yɛ wo sɛ: "Ah, na ɛdeɛn na woreka yi?" Yɛbɛkan saa quotation no na yɛakyerɛ mu kakra. Nyankopɔn nkaa baabiara sɛ sɛ wamfa mpaeɛ anntae akɔntene anntaa wo mpaebɔ no deɛ a, mentie wo mpaebɔ anaa sɛ biribi a ɛtete saa.
Nyankopɔn nkae. But nea yɛnim sɛ ɛmma nipa y'adesrɛdeɛ a yɛde tu Nyame anim Nyame tie no, deɛ ɛdikan ɛyɛ gyidie a ekita wo a wode rekɔ Nyankopɔn anim. Ɛne sɛnea wosi trust Onyankopɔn so sɛ ɔbɛtumi ayɛ ama wo. So it depend on your faith and the trust, ohu, the faith and the trust of the person approaching God and not necessarily going off the food. Sɛ wotwe wo ho firi ɛyɛ aduane ho anaa sɛ woyɛ biribi akyerɛ sɛ you are serious no, ɛno na ɛkyerɛ sɛ ɛma yɛ answer wo prayer.
Seriousness no with which you go to God before God no, it's very very important. But adeɛ a ɛma obi Onyankopɔn etie wo mpaeɛ no, ɛyɛ gyidie a woanya ɛna afei saa anidasoɔ a wode wo ho ato Nyankopɔn so. Na afei no wo humble self, kyerɛ sɛ wobrɛ wo ho ase wɔ Nyankopɔn anim. Na sɛ wohwɛ mu a, Jew-foɔ no na ɛyɛ wɔn adwene ne sɛ sɛ obi reyɛ edi mmuada a ne ho te ɛsen wɔn a aka no.
Na mereka wei no maka w'asɛm a Awurade Yesu kaa yɛ wɔ Luka asɛmpa ti a ɛyɛ 18 nkyekyɛmu a ɛyɛ nkron kɔpem edu nnan no. Wokae sɛ ɔkaa asɛm bi sɛ Farasini bi ɛne togyefoɔ bi ɛkɔbɔɔ mpaeɛ wɔ asɔrefie. Na aberɛ a wɔmokɔeɛ no in fact Farasini no oduru hɔ ara na ɔse: "Onyankopɔn meda wo ase sɛ mente sɛ togyeni mmɔborɔni, kurofoɔ yi ɛne deɛ ɔyɛ eyi wei sei. Na deɛ wonim sɛ: medi mmuada na ɔtwie biara mprɛnu na afei nso metua me tithe".
Nti mmuadadie a ɔdie no ne tithe no nti, n'adwene firi n'adwene yɛ no sɛ ne ho te wɔ Nyankopɔn anim a ma sɛ ɛwɔ sɛ Nyankopɔn tie ne mpaebɔ. Nea onni mmuada no, ɔse ɔbaeɛ no ɔbrɛɛ ne ho ase na wampɛ sɛ ɔbɛpɛgya n'ani koraa kɔ Nyankopɔn anim kaa sɛ: "Awurade, hu me ɔdebɔneyɛfoɔ yi mmɔbɔ". Ɛsiane sɛ ɔde humbleness ɛkɔɔ Nyankopɔn anim na wagye atom sɛ ɔyɛ nipa bɔneyɛfoɔ nti, Awurade tiee ne mpaebɔ.
Awurade Yesu se: "Wei deɛ ɛpem mommfa nkɔfie asene ɛyɛ Farasini no". A ɔsusu sɛ mmuadadie ɛne ɛyɛ ɛtoɔ a wotua no nti no, ne mpaeɛ bɛduru Nyankopɔn anim. Nti deɛ merepɛ akyerɛ nyinaa ne sɛ, fasting no ɛmma wonnyɛ soronko ɛnsene nipa biara. Na mmom ɛboa yɛn ma yɛde y'adwene si Onyankopɔn so. Yɛne Onyankopɔn ama ɛto ayɔnkofa wɔ mpaebɔ mu.
Fasting is a spiritual discipline which is helpful during prayers. Ɛyɛ honhom mu mfa no sɛ ntunho akyɛdeɛ bi a wotu wo ho si hɔ wɔ honhom kwan so ne Onyankopɔn ɛrekasa. Nti yɛka fasting a, ɛboa yɛn wɔ saa ɛkwan no so. Na mmom ɛmma yɛn nyɛ ɔtenenee ɛmmoro obiara so. Aha, na mese fasting no ma yɛ concentrate. Ma memma wo mfatoho. Nneɛma bi wɔ hɔ a yɛyɛ a ɛyɛ a wobisa sɛ sɛn? Me ne fredeɛ nyinaa no,
Okristoni biara bɛbɔ mpaeɛ anaa asɔre biara yɛbɔ mpaeɛ a, nnipa bebree na ɛkata y'ani. Adɛn nti na wokata w'ani? Bible fa he na ɛkyerɛ sɛ wobɔ mpaeɛ a kata w'ani? Yɛnyɛ no saa? Nsɛ yɛfiri yɛn nkɔdaase mekae sɛ mewɔ school, class one, class two nyinaa yɛkɔ assembly a, wobɛhwɛ sɛ yɛbɔ mpaeɛ "Our Father..." no nyinaa w'akata w'ani. Na mmusuo bɔ na ɛbue w'ani, wobɛhunu sɛ tikya de abaa bɔ w'apampam sɛ: "Kata w'ani!"
Deɛn nti na tikya no rekasa kata w'ani? Ebia na ɔfeel sɛ ɛyɛ just tradition bi na ɛwɔ sɛ wobɔ mpaeɛ a akyinnyeɛ na ɛwɔ sɛ wokata w'ani. Ɛno nti ɔde hyɛ akwadaa no anim nti na sɛ ɔnkata n'ani. But monnim ade koro. Sɔte aseɛ? Nkɔdaa no bi wɔ hɔ a wobɛhwɛ na ɔbɔ mpaeɛ na w'akata n'ani baako na wabue baako na wɔnom de yɛ konsete ne wɔn yeran nneɛma. Adɛn nti ɛna worebɔ mpaeɛ a wokata w'ani? Ɛnyɛ mmara, yɛnhyɛ no Bible mu.
Nea ɛtea ne sɛ, aha, nea ɛboa wo a ɛnti ɛma wokata w'ani ne sɛ: praying with your eyes shut helps you to imagine yourself in His presence. Ɛna afei nso so no, it puts your mind off the things that could be distracting when you are you know praying. Sɛ w'ani da hɔ na wobɛhwɛ na obi retwam, na obi reyɛ biribi sei, w'ahu, na atwe w'adwene fri mpaebɔ no so.
Nti sɛ wokata w'ani a, ɛma wonya concentration. The same thing na fasting yɛ. Wotwe wo ho fri aduane ho na woanya saa concentration no de asi Onyankopɔn so. Na mmom sɛ wobɛkata w'ani o, sɛ wonkata w'ani o, ɛmma wonyɛ ayie biara. Obi wɔ hɔ nom a ɔnkata n'ani. But still, onim. Obi esri tiri ase seisei ɔnkata n'ani, obi nso n'ani so da hɔ saa.
Kane na yenim obi ɔkɔ asɔre na n'ani da hɔ no a: "Ei, aberɛ a yɛrebɔ mpaeɛ w'ankata n'ani." Tesɛ nea ɛyɛ mmara. Saa nneɛma no na na Farasifoɔ no nso da bi wɔmɔ yɛ. Nneɛma bi wɔ hɔ nom a yɛnhyɛɛ ho mmara potee mmaa wɔmo a na wɔmo ankasa de yɛ mmara ɛteetee awɔn ho. Na ɛyɛ me sɛ video a ɛtoso mmienu no yɛkae nsɛm no bi wɔ mu. Now, afei nea yɛahu ne sɛ fasting no ɛmma onipa wonnyɛ soronko biara nkyɛn wo nua no,
na mmom ɛboa wo ama wode w'adwene asi mpaebɔ a worebɔ no so sɛ wode adesrɛdeɛ bɛkɔ Nyankopɔn anim no. Yɛtoso mmiɛnsa a yiebisa wɔ asɛm yi mu no sɛ, ɛno na yɛde twatowɔ. Making love during fasting. Sɛ wonɛ woyɛ owarifoɔ na wo ne wo yere anaa sɛ wo kunu da wɔ bere a worebɔ mpaeɛ? Obi wɔ hɔ nom a ɔse: "Meyɛ na watwe akɔntene anaa sɛ na watwe mmienu akɔntene". Nti saa na watwe na watwe mmienu no, wowɔ ho kwan sɛ wo ne wo kunu anaa wo yere ɛbɛdi nseamu anaa?
Wo ne no di nseamu a, na wo fasting no asɛe anaa sɛ ɛnsɛee? Ɛno ne adeɛ a yɛbɛhwɛ kakra. Efisɛ yɛwɔ saa mindset bi, adwene bi sɛ: "Well, ɔbarima bi tumi ka sɛ: 'Ayi, mpaninfoɔ, me meyɛ me fasting na wopɛ sɛ wobɛsɛe me fasting, because ne kunu esɔ ne mu nti a'". Menuanom, yɛtue y'adwene kɔ Jew-foɔ no mu a, ɛmma saa mindset yi a ebinom wɔ no, ɛhɔ na yɛkɔfaa saa adwene no deɛ ɛfiri.
Efisɛ Jew-foɔ mmerɛ no mu no, a husband and wife ceremonially become unclean after sexual relation until sunset. Deɛ yɛka nyinaa ne sɛ ɔbaa no ne ne kunu a wɔmo yɛ awarefoɔ oo, sɛ wɔnom da na wɔsɔre anɔpa no a, efiri anɔpa no ara kɔpem sɛ ɛbɛduru anwummere esum bɛdwo no, wɔn ho nte, wɔn mmara no saa na ɛteɛ. Nti deɛ ɛwɔ sɛ woyɛ ne sɛ wogware. Na moda wie na wogware wie a, still na ahohooteɛ no nnya mmaeɛ gye sɛ kɔpem anwummerɛ na esum bɛtɔ so ansa na woafiri saa tebea no mu.
Nti Israelfoɔ no, saa ceremonial law nyinaa no yɛde wɔmo de ba bɛkeka Nyankopɔn deɛ mmara ho. Adeɛ bi wɔ hɔ nom a na ɛyɛ wɔn amammre. Aberɛ a Nyankopɔn ne wɔn nanteɛ no, ɔne wɔn nanteɛ tesɛnea ɔman no n'amammre ne n'amanneɛ ɛteɛ. Wansesa no, wankasa ho. Nti obi wɔ hɔ nom a ɔhu sɛ Israelnii ware mmienu ne nyinaa deɛ, n'adwene yɛ no sɛ Nyankopɔn na ɛmaa no kwan. Daabi, wɔn amammre na ɔmo sesa de saa bɔɔ so. Efisɛ wote asɛm no a, Awurade Yesu kaa no Matthew 19 no ara.
Ɔse: "Nanka fiti ahyɛaseɛ no ɛnyɛ saa na ɛteɛ o, na mmom ɛyɛ mo mmasuo nti na moyɛɛ nea moyɛeɛ". Ne kyerɛ sɛ wɔnkɔbisa no awaregyaeɛ ho asɛm a Moses gyaee yere no nti na Moses see sɛ yɛtumi gyae yere no ɛtumi ware foforɔ no, ɔse: "Daabi daabi daabi, ɛnyɛ saa na ɛteɛ". Ɛno na ɔtwee wɔn adwene kɔɔ Eden turo mu sɛ: "Adɛn nti na Onyankopɔn ɔbɔɔ banyin no, ɔbaa baako na ɔyɛɛ no kaa ho? Nti adɛn nti na woware ɔbaa foforɔ anaa sɛ wode obi bɛka ho?" Nka Nyankopɔn bɛtumi abɔ Adam na wabɔ ɛmmaa bɛsɛ nwɔtwe ɛna ya mane sɛ nyɛm wɔn nyinaa fiti sɛ nipa ne wiase ne ne wɔmo.
But Nyankopɔn n'adwene mu no, ɔpɛ sɛ ɔbaa baako barima baako. Efi sɛ adɛn na Solomon waree bebree? Hwan hwan waree bebree? Ɛyɛ wɔn ankasa amanneɛ ne wɔn amammre a wɔmo de batabataa Nyankopɔn. Na ɛno na ɛnnɛ aconfuse nipa bebree susuu sɛ polygamy anaa sɛ aware-dodoɔ ɛyɛ, because akɔhunu no Bible mu. Nneɛma bebree a ɛwɔ hɔ nom a wokɔhunu no wɔ Bible no mu a, ɛyɛ Jew-foɔ mmara no a wanhyɛ a wode bɛba Kristosom mu.
Nanso na ɛnyɛ mmara a yɛde maa wɔmo, na mmom na ɛyɛ wɔmo ara amammre ne wɔn amanneɛ na wɔmo de keka ho. Nti Leviticus etire 15 nkyekyɛmu a ɛyɛ 18 na mereka no sɛ ɔbaa ne ɔbarima di nseamu a, wɔn ho nte. Gyesɛ anwummre kɔduru ansa na woadware na anwummerɛ kɔduru. Deɛ ɛtoso mmienu nso a yɛbɛhunu ɛne Exodus, Mose nwuma a ɛtoso mmienu no Exodus ti 19 nkyekyɛmu a ɛyɛ 15 no mu no, Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: "Onyankopɔn ɛne mo bɛba abɛkasa, nti monhwɛ sɛ monne mo yerenom ɛnna".
Sɔte aseɛ? The Jews were prevented from having sexual relation with the women when God was going to meet them. Nyankopɔn sianee na ɔreba abɔnten. Nti obiara ɛnne ne hokafoɔ ɛnna. Adɛn nti a? Because they believe sɛ having sexual relation no could make them lose their purity. Sɛ wɔn ahotewɛ no, wo ne wo yere kɔda, wo ne wo kunu kɔda, na ɛkyerɛ sɛ ahotewɛ no kɔ fam.
Saa na na wɔn mmara no ɛteɛ. Sɔte aseɛ? Na saa mindset yi ɛna nnipa bebree wɔ a yɛpɛ sɛ yɛde wura Kristosom mu. Now, what traditionally what was traditionally unclean according to Judaism no was frowned upon. Nneɛma a na yɛse wei deɛ ɛyɛ ne ho nte no, na yɛkasa ahohunteɛ a wowie na "Mmm, wei deɛ ne ho nte". Nti nea yɛse frowned upon, frowned upon ne sɛ ɛkyerɛ sɛ ayɛ sɛ wumuna hwɛ adeɛ. Woahu sɛ nipa ohunu adeɛ na wumuna sei a,
na ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ adeɛ a n'ani gye ho, w'ate aseɛ? Ɛno nti nneɛma bi wɔ hɔ nom a na nipa muna wɔ ho kyerɛ sɛ ɛnyɛ ahotewɛ ɛkwan so. Na yɛbɛkeka nneɛma bi a na ɔmo yɛ, sɔte aseɛ? Nanso so no Jewfoɔ no nneɛma a na ɛnyɛ wɔn ahotewɛ no, na ɛnyɛ bɔne per se. Efisɛ deɛ na ɛyɛ bɔne no deɛ ɛno na wɔmo ahotewɛ asotwe. Sɛ w'ahu? Even though these uncleanness were not sinful by law, they temporarily prevented them from entering the temples, the tabernacles, and other holy places until the period of uncleanness was passed.
Na ɛnyɛ adeɛ a ɛmma wɔn ahotewɛ, nanso na ɛnyɛ bɔne. Nanso adeɛ a na yɛhunu ne sɛ yɛse wo ho nte nti, asɔrefie wonwura hɔ, Tabernacle hɔ wonkɔ hɔ, baabi a yɛfrɛ no holy place mɛnkɔ hɔ na wo ho nte. Saa na na Jewfoɔ no mmara no teɛ. Nti sɛbe obi ne ne yere eshiamua, wobɛtumi ahunu sɛ kwan daa wo ne wo yere shiamu a efisɛ baabi a ɛwɔ hɔ nom a: "Ei, mɛnkɔ hɔ, ɛnnɛ mɛnkɔ hɔ, menyɛ sei". Na ɛkyerɛ sɛ nka ɛnnɛ mmere yi mu, mfa no sɛ wokɔ asɔre Kwasiada na me menda anadwo wo ne wo yere daeɛ wo ne wo yere shiamu a,
efiri Kwasiada anɔpa no koraa kɔpem n'anwummere nyinaa mo ho nte. Nti wontumi koraa nkɔ asɔrefie. Ɛwɔ saa na na Jewfoɔ no wɔn mmara no ɛteɛ. Sɛ banyin wo ho sane nti wo ho nte. Wonni yere koraa na ebia waso daeɛ bi na wo ho sane anaa, ne nyinaa na wo ho nte. Mpa a woda soɔ no ne ho nte, akonnwa a wobɛtena mu no ho nte gye sɛ woyɛ saa amanneɛ yi, wogware na wotwɛn sɛ owia bɛtɔ ansa na ahotewɛ no atumi adi mu. Menuanom,
wei yɛ sɛnea ɔbaa ɛne ne kunu anaa barima ne ne yere eshiamu a, wɔmo yɛ awarefoɔ oo, na wɔnom ɛho nteɛ. Ɛno akyire no sɛ ɔbaa sɛbe ebu ne nsa sɛnea Akanfoɔ bɛka no kɔ afikyire anaa sɛ ohunu mogya a, ne ho nte. Nna nson a ɔwɔ ne menstrual period no mu nyinaa no wɔ Israel man mu no, ne ho nte. Wɔnkɔ asɔrefie, wɔnkɔ kronkron biara. Wote aseɛ? Akonnwa a wobɛtena soɔ no obi tena so a ɔde fi aka saa nipa koro no. Nti saa nipa koro no nso so amanneɛ na ɔyɛ na ɛwɔ sɛ saa nipa no nso yɛ bio.
Ɛkyerɛkyerɛ sɛ, menuanom, ɛyɛ a momma yɛnna Kristo Yesu ase. Sɛ wamfa yɛn ankɔwura saa Jew-foɔ som yi mu ɛne nea na wɔmo yɛ no mu. Na mmom ɔnam asɛnnua no so agu Jew-foɔ mmara ne Jew-foɔ som no. Nipa rekasa ɛnnɛ apam dada no nni yɛn so a, ebinom nte aseɛ. Ebinom nte aseɛ se: "Hee, wohu sɛ apam dada no nni yɛn so, nti yɛnkɔyɛ wei, yɛnkɔ..." Daabi, daabi! Wɔnom a na ɛdi apam dada no so no, wɔnom saa mmara wei nyinaa na na wɔmo di so.
But Kristo Yesu, Bible no se Galatifoɔ nwuma ti a ɛyɛ nnan nkyekyɛmu a ɛyɛ nnan ɛne nnum no sɛ: "Wɔwoo no too mmara no ase, apam dada no mmara no ase, Jewfoɔ mmara no ase, sɛ ɔmmɛdeliver wɔn a ɛwɔ mmara no ase no". Kan Galatians 4:4-5: "He came to deliver those who were under the law". Sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛyi wɔn afiri aseɛ. Efisɛ saa bere wei nyinaa no na ɛyɛ adeɛ a na Israelfoɔ toto. Wote aseɛ? Wɔmɔ ankasa to afa wɔn ceremonial law, traditional law afrafra Nyankopɔn sei ho anyanya.
Ɛno nti na Yesu Kristo ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: "Ɔbaa..." John chapter 4 efiri verse ɛhɔ nom aba 20, 21, 22 so no, ɔne ɔbaa no rekɔhyia asubura no, ɔse: "Ɔbaa, bɛsɛ wote aseɛ sɛ bere bi bɛba ɛnyɛ Jerusalem bio na yɛkɔsom anaa sɛ bepɔ so sɛnea mo Samariafoɔ ka no. Na mmom Nyankopɔn rehwehwɛ asɔrefoɔ a yɛbɛsom wɔ Honhom ne Nokware mu". Asekyerɛ ne sɛ Nyankopɔn no ɔyɛ Honhom, enti ɛwɔ sɛ ɛnnɛ nea ɛbɛba ne sɛ yɛbɛsom no honhom kwan so.
Jew-foɔ no som no na ɛkɔyɛ honam fam. Nti sɛbe sɛ ɔbaa ɛkɔ afikyire a yɛse ne ho nte. Wo ne wo kunu da yɛse wo ho nte. Ɛ wowɔ a, woawow no kyerɛ sɛ mogya agu hɔ no yɛse wo ho te. Na ɛkɔyɛ honam honam. Awurade Yesu se seisei deɛ yɛbɛsom Nyankopɔn wɔ Honhom ɛne Nokware mu. Asɛkyerɛ ne sɛ Nyankopɔn no ɔyɛ Honhom, ɛnnyɛ honam fam bio. Ɛno nti sɛ ɛnnɛ ɔbaa ebu ne nsa a, wontumi nka sɛ ne ho nte. Efisɛ ɛnyɛ physical eyi na yɛrehwɛ sɛnea na Jew-foɔ yɛ.
Enti menuanom, momma yɛnte saa nsɛm yi ase. Saa adeɛ no na yɛnte aseɛ nti ɛnnɛ me ankasa koraa me Akanfoɔ a mefiri mu no, Akanfoɔ yɛ saa. Akanfoɔ yɛ saa, Asantefoɔ yɛ saa sɛ obi ne ne yere te na ne yere no ɛkɔ afikyire a, n'aduane koraa ɔmma no nsuo, ne kunu a ɔnso, ɔmma no nane dan mu no mu ne adeɛ. Saa nneɛma yi nyinaa na Jewfoɔ no na ɛyɛ. Manka kyerɛ wo sɛ yɛhwɛ sɛ Akanfoɔ ankasa ne Asantefoɔ wate aseɛ?
Wohwɛ mu paa Akanfoɔ, sɛnea amannfoɔ bi ayɛ research bi sɛ wɔnom efiri Israel no, megye di sɛ ɛbɛyɛ nokware. Efisɛ nnoɔma bebree wɔ hɔ nom a Akan man mu yɛyɛ a Israelfoɔ no na ɛyɛ saa adeɛ no. Wodeɛ go back na bɛhunu. Fasting a yɛreyɛ sɛ obi wuo a yɛredi mmuada, yie bi yenni didi wei nyinaa Jewfoɔ na wɔmo yɛ. Ɔbaa kɔ afikyire a yɛse ne ho nte nyinaa Jewfoɔ na wɔmo yɛ. Sɛ w'ahu?
Obi wuo a yɛse wei deɛ ɔbaa no wawu ne kunu nkɔ ne ho no Jewfoɔ na wɔmo yɛ. Nti saa nneɛma yi no na Jewfoɔ no yɛ, but na ɛnyɛ mmara potee a Nyankopɔn ahyɛ de ma wɔn, na mmom na ɛyɛ wɔn amammre. But Nyankopɔn gyaa wɔn ɛmma wɔnom ɛyɛe. Sɔte aseɛ? Ɛno nti, menuanom, deɛ yɛgu so rehwehwɛ mu ne sɛ: woyɛ ɔwarifoɔ a na wodi mmuada ɛrebɔ mpaeɛ a, enti wobɛtumi ɛne wo kunu anaa wo yere ada anaa? Wo ne no da a, wo fasting no asɛe?
Wo mpaebɔ no a worebɔ no asɛe anaa? Ɛno ɛna yɛgu so ara yɛrehwehwɛ mu. Adeɛ a mepɛ sɛ metwe w'adwene ɛma wote aseɛ ne sɛ, Jewfoɔ ɛtwi wɔnom ho firi saa nneɛma wei nyinaa ho efisɛ it is believed sɛ sexual relation no na ɛmma ɛnfa ahotewɛ mmra wɔn mu. Okay, it is believed that they avoid sexual relation during fasting to avoid contamination, sɛ w'ahu?
"Mɛyɛ fasting medi mmuada, mempɛ sɛ me yere me ne me yere kɔda na me ho sane a, ɛyɛ sɛ mede efi aka nea mereyɛ no". Saa nneɛma no na ne nyinaa Jewfoɔ na ɛkɔyɛ honam mu. Yɛn Awurade Yesu de Kristosom baeɛ no, saa honam fam asɔrededeɛ no nyinaa woguu no asɛnnua no so. Nti wokekan kyerɛw no a ɔse: "Wɔde akɔbɔ asɛnnua no so". Na mmom Kristosom mu no yɛsom Nyame wɔ Honhom. Nti saa nneɛma a ɛyɛ sɛ w'angware, ne ho efi, mogya tono saa nneɛma nneɛma no ɛnyɛ hwee ɛwɔ Nyamesom mu, w'ate aseɛ?
But the best thing ne sɛ wogware a ɛyɛ, efisɛ sɛbe wode mɔtwo mutuutu kɔtena wo nuanom asɔrefie mu a ɛnyɛ nika, w'ate aseɛ? But ɛnyɛ bɔne per se, but ɛwɔ sɛ wotumi yɛ dɛn, egware. Ɛno nti nea yebisa ne sɛ enti ɛwɔ sɛ Kristofoɔ yɛtwi yɛn ho firi ɛnna ho anaa? Now, nea mepɛ sɛ meka ne sɛ: lovemaking is a gift from God designed to enjoy, hum, exclusively within the covenant marriage.
Ɛnna sɛ ɔbarima ne ne yere ɛda no, ɛyɛ akyɛdeɛ Nyankopɔn de maa yɛn. W'ate aseɛ? Aberɛ a Nyankopɔn ɔbɔɔ Adam na ɔde Eve bɛkaa ne ho no, Bible no se: na afei ɔhuu ne yere no, ɔne ne yere daeɛ. W'ate aseɛ? Nti ɛnna yɛ akyɛdeɛ a Nyankopɔn ɛde kaa, ɛyɛ akyɛ awarefoɔ. Meka sɛ awarefoɔ, ɛnyɛ mo a monwareeɛ na monkɔda nkɔda ne wɔmo anwareeɛ a yɛfefɛ fam kurofoɔ mma na wo ne obi te na ɔnyɛ wo ho adeɛ,
ɔnyɛ wo kunu, ɔnyɛ wo yere na wotie n'akyi no, ɛno deɛ yɛ bɔne. Na mmom sɛ meyɛ ɔwarifoɔ a mayɛ no ho adeɛ ɛwɔ awareɛ legally wɔ abusua ɛne mmara mu nyinaa kyerɛ sɛ me yere nono, me kunu nono deɛ, wo ne no da a Bible sɛ yɛ akyɛdeɛ na Nyame de ama. Nti bere biara a wopɛ biara, wobɛtumi ne wo hokafoɔ ayɛ dɛn, ada. W'ate aseɛ? Na deɛ yɛka ne sɛ: na wobɔ mpaeɛ nso ɛ? Woyɛ akɔntene nso ɛ? Now, unlike the Jewish ceremonial laws, sex does not affect our cleanliness.
Sɛnea na Jewfoɔ no deɛ obi ne ne kunu da na ɛno no amane ho nteɛ no, Kristosom mu ɛnte saa efisɛ Kristosom mu ɛnhwɛ honam mu nneɛma. Kristosom wɔse: "Yɛsom Nyankopɔn wɔ Honhom ɛne Nokware mu". Which means covenant marriage couples can still approach God whether in the mood or out of the mood. Sɛ yɛyɛ awarefoɔ yi, metumi ne me yere ahyia mu wɔ bere a yɛgu so a yɛrebɔ mpaeɛ a ɛnnyɛ bɔne ɛwɔ Nyankopɔn anim, na ɛnyɛ atantanneɛ. Efisɛ yɛ akyɛdeɛ a Nyankopɔn ɛna ɛde maa awarefoɔ.
This will not affect our purity before God. Sɛ ahotewɛ, ɛno no sɛ me ne me kunu hyia ɛne me yere ɛmma w'ahotewɛ no so nte. Adeɛ a ɛma nipa ɛaffect wo purity, what affects one's purity is sin. Ɔno ne he? Bɔne ɛno na ɛgu nipa ho fi. Awurade Yesu se: "Ɛnyɛ nea ɛfiri nipa kɔ nipa yafunu mu no ɛna ɛgu no fi, na mmom nea ɛfiri n'ano bɛkasa a ɔka ɛno na ɛma ɔyɛ bɔne". Efisɛ Kristosom no yɛsom no honhom mu,
ɛnyɛ honam mu. Enti yɛnhu difference a ɛwɔ ɛyɛ Jew-foɔ ɛne Kristosom ntam. Sɛ meka no yɛnna Nyame ase sɛ ɛnyɛ Jewfoɔ som ɛna yɛhyɛɛ aseɛ. Anaa na ɛnwansa sɛ wɔmo rekɔ Memenda asɔre no na yɛdɔ wɔn se: "O, yɛdeɛ yedi Jewfoɔ mmara so". N'adwene yɛ no sɛ gyama Nyankopɔn mmara no nyinaa ne Memenda sɛ eduru Memenda a wosɔre akɔ asɔre. Daabi o! Jewfoɔ som no ɛnyɛ nea woreyɛ no o. Ɛnka Memenda eduru a,
na sɛbe woyɛ ɔbaa koraa kɔeɛ a wunsi wɔn temple hɔ, wunsi hɔ nom. Deɛ moreyɛ no deɛn? Ɛno no ɛnyɛ ayi o. In anyway, homeda koraa wɔmfa mmaa Kristofoɔ, adɛn nti na wobro? Ɛno deɛ yɛbɛka no da foforɔ. Yɛaka ho asɛm da, wokɔ me Facebook a ɛne me YouTube a, wobɛhunu sɛ: "Do we observe the Sabbath?" Efisɛ mayɛ lesson wɔ ho, nti wobɛtumi ahwɛ. Sɛ wotie me nnɛ sɛ woyɛ Memendanwii a, mmara a wɔde maa Jewfoɔ ne ahomeda som no ɛnyɛ Kristosom. Menua, mɛnsɛe w'adagyew wɔ ho.
Now, adeɛ a me megyina yie sɛ, nti nso obi bisa sɛ: "Nti woyɛ Okristoni na woyɛ fasting a, wobɛtumi ne wo yere anaa wo kunu ada?" Adeɛ a menim sɛ, but what I know to be true ɛne sɛ: fasting period no nipa ɛyɛ mmerɛ. Wodi akɔntene a wayɛ akɔntene firi anɔpa nyinaa bɛpue wayɛ mmerɛ. Nti deɛ adwene koraa na ɛbɛba wo tirim sɛ:
"Me ne me yere kɔda anaa me ne me kunu kɔda"? Ɛmerɛ yɛ, wayɛ mmerɛ! Ɛna ɔnim sɛ ɛnna nso so no ehia ahoɔden, okay? It requires more energy to engage in this sexual relation or making love. It requires energy. Already no ankasa wonnidi, wonnom, wo energy no asa, nti energy bɛn na wowɔ sɛ wode kɔyɛ wei sei? Sɔte aseɛ? So fasting no mmom no,
sɛ woyɛ biribi saa ɛnsɛee wo fasting. But wonni energy a wode kɔyɛ saa nneɛma no. Ɛna also ɛ fasting bere na wose woreyɛ lovemaking, uh, making love during fasting period no, also distract your attention from God. Ɛtwi w'adwene. Wose wopɛ sɛ wode concentration w'adwene nyinaa si Nyankopɔn so bɔ mpaeɛ. Ɛna emu no watwe wo ho sɛ o, I'm making love. Ɛba saa no a, ɛtwi w'adwene firi saa ayi no so. Na mmom
ɛnyɛ bɔne sɛ Nyankopɔn aka sɛ woyɛ ɔwarifoɔ na womaking love a ɛyɛ mfomsoɔ, wo ne wo kunu anaa wo yere shiamu a ɛyɛ mfomsoɔ. W'ate aseɛ? Ɛnyɛ atantandeɛ. Na ɛno mma wo, nnipa bebree sɛ ɛnyɛ fasting koraa na yɛabɔ, fasting no woreyɛ fasting abɔ mpaeɛ. Da biara nti yɛkɔ yɛn kɛtɛ so awarefoɔ yɛbɔ mpaeɛ. Ebinom ne yerenom ne wɔn kununom shiamu ansa na yɛabɔ mpaeɛ de ada. Obi nso bɔ mpaeɛ wie a ɔne ne kunu ne yere shia. Nti worepɛ akyerɛ sɛ saa bere no nshiamu no a ɔmo yɛ no, mpaebɔ no nso Nyame anim?
Na fasting no a ɛde wo concentration ne w'adwene bɛba Nyame so no, yɛno deɛ difference bɛn na ɛde ma? Ɛno nti no, sɛ ebia woreyɛ na sɛ wo ne wo kunu anaa wo yere shiamu a ɛyɛ mfomsoɔ, ɛnyɛ mfomsoɔ. Na mmom no, it is not advisable sɛ wobɛyɛ saa efisɛ ahoɔden ankasa no koraa no wonni bi. W'ate aseɛ? Wo concentration nso so no wonkasa wobɛsɛe no. Ɛno nti na Paul, sɛ wote Paul asɛm a ɔkae First Corinthians chapter 7 verse 3 to 5 no a,
Paul ankaa no baabiara sɛ sɛ awarefoɔ mobɔ mpaeɛ anaa sɛ moyɛ akɔntene a, akyinnyeɛ nkae ɛyɛ mmara sɛ ɛwɔ sɛ motwe mo ho firi ɛnna ho, daabi, daabi! Tie asɛm a Paul kae no yie, sɛ w'ahu, na yɛ nsua adeɛ firi ha. Deɛ Paul kaeɛ nie, ɔse: First Corinthians chapter 7 verse 3 to 5 no, mereka firi NLT no mu, New Living Translation. Mese ɛyɛ a na mekan saa Bible wei nti sɛ borɔfo no wɔ fam na ɔkyerɛkyerɛ mu nso so. Ɔse:
"The husband should fulfill his wife's sexual needs". Kyerɛ sɛ wotena bɛkyi a ɛ wo kunu biribiara a ɛyɛ ɛ ɔfrɛ no dɛn, wo yere, uh-huh, wo yere ne sexual needs anaa sɛ ne nnamu nneɛma a ehia no no, ɔse barima fa ma no. Sɛ wo yere hia a, fa ma no. "And the wife should also fulfill the husband's needs". Sɛ ɛ wote hɔ na wo kunu ba na ɔse: "I'm in the mood" a, yamma nsa ntwe kwan kye koraa, ɛwɔ sɛ wotumi de ma no.
Bible no rekasa no, ɔse ɛyɛ w'asɛdeɛ, ɔbaa no w'asɛdeɛ sɛ wode ma wo kunu. Wo kunu nso so ɛyɛ w'asɛdeɛ. Nti mo a mobɛhwɛ ɔpɛ ɛyi chop money na w'anya nti ɔse: "Ɛnnɛ bɛbɔ netirmɔden". Adeɛ no ɛnyɛ wo deɛ a wowɔ! Nyankopɔn amfa mmaa wo sɛ fa bɔ wo kunu etirmɔden ho. It is not yours. Ɔse wo body no ɛyɛ barima no deɛ, barima no nso body ɛyɛ wo deɛ. Nti nsa nso sɛbe w'adwene mu no, ɛ wopɛ sɛ woblackmaili wo kunu nti no, na wobu afi sɛ wo ne wo kunu da no no, Nyankopɔn ɛna wobu n'ahyɛdeɛ so efisɛ Bible no ɔse: "Momfa mo ho nkame mo ho".
Ɔtoa so ɔse: "The wife should give the authority over her body to the husband". Ɔbaa no tumi a wowɔ wo nipadua so no, ɔse fa ma wo kunu no. "And then the husband gives the authority over his body to the wife". Barima nso fa wo nipadua ɛma wo yere. Nti aha nom no, wonni tumi barima no wo nipadua so sɛ: "Wo adeɛ a woyɛ me, ɛnnɛ wobɛhu". Daabi! Sɛ woyɛ saa na sɛ woteetee wo yere a, asɛm aba. Ɔbaa woyɛ saa na woteetee wo kunu a, asɛm aba. Woyɛ Okristoni a, ɛnsɛ sɛ woyɛ saa nneɛma yi.
Ɔtoa so ɔse: "Do not deprive each other of sexual relation". Momfa mo ho nkame mo ho koraa, "unless both agree". Tie nie! "Gyesɛ mo mmienu nyinaa pɛne so". Kasa no se: "Unless both agree to refrain from sexual intimacy for a limited time, so that you can give yourself more completely to prayer". Gyesɛ mo mmienu nyinaa mopɛne so sɛ: "Yɛbɛtwi yɛn ho afiri ɛnna ho kakra na yɛatu yɛn ho asi hɔ ama mpaebɔ"
to get the concentration over the prayer. Ɛnkyerɛ sɛ sɛ moyɛ biribi saa ɛyɛ Nyame akyiwadeɛ, daabi! Efisɛ ɛnna no Nyankopɔn de akyɛ awarefoɔ. Nti mowɔ ho kwan sɛ anytime biara, da biara a mopɛ biara motumi ayɛ. Nti sɛ wobɔ mpaeɛ o, sɛ wommɔ mpaeɛ o, wobɛtumi ayɛ a ɛntia Nyankopɔn asɛm biara. Deɛ Paul reka ne sɛ, gyesɛ mo mmienu mopɛne so. Sɛ mopɛne so, sɛ ebia me ne me yere nyinaa yɛkɔ asɔre baako, yɛn nyinaa yɛpɛne so, yɛyɛ fasting,
me yere koraa nim me kunu nim sɛ meyɛ fasting a kyerɛ sɛ ɛdeɛn na ɛbɛka yɛn sɛ yɛse yɛkɔ akɔda na yɛagyaa fasting no ayi a ɛna ato hɔ, daabi. Yɛn nyinaa agye atom. But ɛbɛduru mmere bi no, na ebia ɔbaa, barima a woaware no no koraa no ɔnkɔ asɔre bi anaa sɛ ɔnyɛ Okristoni, you don't share the same faith. Ɛna wowɔ sɛ woyɛ fasting na watwe na watwe mmienu no, barima no se: "Me deɛ me no me mood mu na mewɔ no, enti ɛnyɛ adeɛ a me mɛma kwan". Ɛyɛ nkasa sɛ ɔbaa no ne ne kunu bɛkasa sɛ:
"Kwesida tie aseɛ, but meyɛ sɛ meyɛ fasting nti mayɛ mmerɛ kakra. Adɛn nti na womma yɛntwɛn ɔkyena na nka ɔkyena no mabriki fasting na menya ahoɔden kakra ɛnna nka y'ayɛ". Ne kwan no no, Paul se: "Gyesɛ mo agree". That is the agreement you have to do, w'ate aseɛ? Aha, enti sɛ nipa no sɛ wose ɔno ɔnkɔ asɔre bi anaa ɔnyɛ Okristoni but waaware no mmara kwan so no, na sɛ ɔne wo da na wo ne no da, wo fasting no nsɛee. Obi bɛka akyerɛ wo sɛ wo fasting asɛe biara no,
ɔmma me Bible quotation a ɛkyerɛ saa. Wo fasting no nsɛee. Wo mpaebɔ a worebɔ no ɛnyɛ akyiwadeɛ wɔ Nyankopɔn anim. Na mmom nkan nyansakwan so no, sɛ wayɛ mmerɛ a ɛsɛ sɛ awarefoɔ no mupentene biribi ho koraa a ɛyɛ dɛn, ɛtete saa. Na wotie asɛm a Paul kaeɛ no, mereka nea ɛbɛwie, ɔse: "You give yourself a short time". Nti sɛ ɔka sɛ limited time a, na ɛkyerɛ sɛ bere a motwe mo ho firi ɛyɛ nna ho no, ɛnsɛ sɛ ɔma no ware bebree. Adɛn nti na ɔkasa? Ɔse: "Afterward you should come together again, so that Satan will not be able to tempt you because of your lack of self-control".
Sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbonsam fam mo mmrɛyɛ so na ɔnyɛ. Na wo wowɔ ɔbaa wose: "Me meyɛ nawɔtwe akɔntene, nawɔtwe mmienu akɔntene", ɛno nti womma wo kunu ɛmma wo kunu nso ɔnyɛ Okristoni oo, bɛba no akɔfɔ baabi foforɔ na ɔne no akɔda. Na mmom saa ebia wobɛka sɛ wo kunu no ayɛ mfomsoɔ, but the whole cause no ɛyɛ wo! Ɛkasa na ɛwɔ sɛ wo ne wo kunu no yɛ dɛn, ɛkasa. Mese ɛnsɛe wo fasting, ɛnyɛ hwee efisɛ mmara biara nni hɔ nom a ɛkyerɛ sɛ wontumi nyɛ saa adeɛ.
Paul kae ne sɛ ɛnne wo partner no agree because wowɔ mmrɛyɛ mu ɛna ɛnyɛ adeɛ a ɛbɛboa wo. Ɛna afei nso wopɛ sɛ wotwe w'adwene si Nyankopɔn so, ɛnyɛ adeɛ a ɛbɛboa wo. Sɛ mo nyinaa mo agree na mote mo ho ase na moyɛ a, fine. Mese agreement no amma, menua baa, menua banyin, ɛnsɛee hwee! Sɔte aseɛ, ɛnsɛee hwee! Now, deɛ mepɛ sɛ meka na afei mede twatowɔ ne sɛ,
saa nsɛm a Paul kae no ɔnkyerɛ ɔbaabiara sɛ sɛ woyɛ fasting na sɛbe wo ne wo kunu anaa wo yere kɔda na kyerɛ sɛ wabɔ mmusuo. Na mmom advice a ɔde rema no, it's a good advice. Sɛ ɛbɛtumi ɛsiane sɛ yenni ahoɔden ne ayi nti, yɛbɛtwi yɛn ho afiri ho for a short period na yɛtumi aconcentrati wɔ yɛn prayers so. Menuanom, enti nea mereka akyerɛ mo nyinaa ne sɛ: understand that couples may not always be in agreement to refrain or abstain,
sɛnea me dikan ka no. Sɛ wo kunu anaa wo yere wo ne no nyinaa nni gyidie baako mu, wo ne no nkɔ asɔre baako anaa sɛ ɔnyɛ Okristoni koraa nea woreka no ɔnte aseɛ. Nti sɛ ɔse ne ho teetee no a, wobɛtumi de ama no. Biribiara nkyerɛ sɛ wo mpaebɔ asɛe wɔ Nyame anim. Israelfoɔ no ɛnna na wɔnom ɛwɔ saa adwene no ɛsiane wɔn mmara na ɛkita wɔn nti. But Kristosom mu Bible se nnɛ yɛsom Nyankopɔn wɔ Honhom ɛne Nokware mu, ɛnyɛ honam fam bio. Israelfoɔ no wɔn nneɛma nyinaa yɛ honam nti to the extent sɛ ɔbaa koraa ɛkɔ afikyire a, ontumi nyɛ dɛn, nkɔ hyia dan mu.
Anaa sɛ ɔbaa woo a, uh-huh, ontumi nkɔ hyia dan mu efisɛ wawo, w'ate aseɛ? Ɛno nti in conclusion no, ma menka bio sɛ: sexual intimacy does not make a husband and a wife lose their purity or cleanliness during prayers. Ɛmma wo kronkron a woyɛ, wo tenenee a woyɛ no, sɛ woyɛ no ɛnsɛe no da biara da, daabi! Ɛyɛ adeɛ a Nyame na ɛde kyɛɛ wo, w'ate aseɛ? Married couples do not break any biblical rule,
mummubu Bible kwan biara so, or destroying their fasting. You can continue to have your relation with God, but abstaining for a short period will be helpful to both of you. Sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛnya ahoɔden ma ayɛ mo mpaebɔ no. Nti mo nua Paul mede rebisie ha. Asɛm yi ɛyɛ adeɛ a aboa wo a, pass it on ma wo nua bi, wo nua mɛnna hɔ titire fa ma awarefoɔ, w'ate aseɛ? Akristofoɔ, wɔmo a ɛnyɛ Akristofoɔ nyinaa fa kɔ ma wɔnom.
Na afei subscribe to my channel no, na bere biara a mede asɛm foforɔ bɛba no, wo nso wobɛsan aka bi. Medaase, Nyankopɔn nhyira wo. Na afei wonya adagyeɛ a, hwɛ Church of Christfoɔ akyi kwan na kɔsra wɔn. Nyame nhyira wo, bye-bye.
Nnyinasoɔ Mmoano (Summary) Saa adesua yi mu no, Onua Paul kyerɛkyerɛ asɛmti titire a ɛfa "Mmuadadiɛ a Ɛsɔ Awurade Ani" ho kɔ akyiri. Ɔkyerɛ mu pefee sɛ mmuadadiɛ anaa akɔmkyene nyɛ mmra anaa ahyɛdeɛ kɛseɛ bi a ɛwɔ...
Nnyinasoɔ Mmoano (Summary) Wɔ saa adesua yi mu no, nua barima no kyerɛkyerɛ Nyamesom mu akɔntrene (mmuada / fasting) ase fi Twerɛ Kronkron mu. Ɔda no adi sɛ Nyankopɔn hyɛɛ mmuada ho mbra pɔtee maa Israelfoɔ wɔ Fɛfɛɛbere...
Nnyinasoɔ Mmoano (Summary) Saa apɔstɔfoɔ podcast fã yi kyerɛkyerɛ sɛ, Kristosom mfitiaseɛ no, na asafo baako pɛ na Kristo de sii hɔ, ɛnyɛ nsɔrensɔreɛ pii a esono emu biara nkyerɛkyerɛ te sɛ nea yɛhunu no nnɛ yi....
Sɛnkyerɛnnɛ Kɛseɛ (Summary) Saa adesua yi mu no, Onua Paul bisa nsɛmmisa a ɛho hia pa ara a ɛfa ɛnnɛ Kristosom ho: "Onyankopɔn ma nnipa kwan sɛ ɔmontie asɔre mma no anaa?" Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛnea ɛnnɛ nsɔre-nsɔre a ebere...
Nnyinasoɔ Mmoano (Summary) Adesua yi hyɛ aseɛ a nkyerɛkyerɛfoɔ no bɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ nsɛm a ɛfa nsɔrensɔre pii a ɛrepusuw mu adagyam, titire wɔ Abibirem ne Ghana ha. Ɔbisade titire a ɔde reto dɔm no anim ne sɛ:...